1 Samuel 2:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa ma onipa di hia,+ na ɔno na ɔma onipa di yie,+Ɔno na ɔbrɛ onipa aseɛ, na ɔno na ɔma onipa soɔ.+ Dwom 75:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ɔtemmufoɔ.+Ɔbrɛ oyi ase, na ɔma oyi so.+ Dwom 113:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na ɔma ɔbrɛfoɔ so firi mfuturo mu;+Ɔma ohiani so firi sumina so,+ Daniel 4:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Awɛmfoɔ+ ahyɛdeɛ so na asɛm yi ba, na akronkronfoɔ asɛm so na atemmuo yi gyina na ama ateasefoɔ ahunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi adasamma ahennie so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no,+ na nnipa mu ketewa koraa na ɔde no si soɔ.”+ Filipifoɔ 2:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yei nso nti na Onyankopɔn pagyaa no maa no gyinabea a ɛkorɔn,+ na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara;+
7 Yehowa ma onipa di hia,+ na ɔno na ɔma onipa di yie,+Ɔno na ɔbrɛ onipa aseɛ, na ɔno na ɔma onipa soɔ.+
17 Awɛmfoɔ+ ahyɛdeɛ so na asɛm yi ba, na akronkronfoɔ asɛm so na atemmuo yi gyina na ama ateasefoɔ ahunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi adasamma ahennie so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no,+ na nnipa mu ketewa koraa na ɔde no si soɔ.”+
9 Yei nso nti na Onyankopɔn pagyaa no maa no gyinabea a ɛkorɔn,+ na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara;+