1 Samuel
“M’akoma di Yehowa mu ahurisie,+
Yehowa mu na wɔama m’abɛn soɔ.+
M’anom atrɛ m’atamfo so,
Na wo nkwagyeɛ mu na medi ahurisie.+
3 Mommfa ahomasoɔ nnkasa bebree,
Mommma nsɛnhunu biara mmfiri mo anom,+
Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn nimdefoɔ,+
Na ɔno na ɔkari+ nneyɛɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ.
5 Wɔn a wɔmee no, wɔbɛdi paa ansa na wɔanya aduane,+
Nanso ɛkɔm renne wɔn a wɔdi kɔm bio.+
Obonini mpo awo mma nson,+
Nanso ɔbaa a ɔwɔ mma bebree no ho bɛkam.+
7 Yehowa ma onipa di hia,+ na ɔno na ɔma onipa di yie,+
Ɔno na ɔbrɛ onipa aseɛ, na ɔno na ɔma onipa soɔ.+
8 Ɔno na ɔma ɔbrɛfoɔ so firi mfuturo mu,+
Na ɔma ohiani so firi sumina so+
Sɛ́ ɔde wɔn bɛtena adehyeɛ mu; ɔde animuonyam ahennwa+ yɛ agyapadeɛ ma wɔn.+
Yehowa na asase nnyinasoɔ wɔ no,+
Na ɔde asase asi soɔ.
9 Ɔbɔ n’anokwafoɔ nan ho ban,+
Na nnebɔneyɛfoɔ deɛ, esum mu na wɔbɛma wɔaka wɔn ano atom,+
Ɛfiri sɛ ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nkonim.+
10 Wɔn a wɔne Yehowa di asie no, ehu bɛka wɔn;+
Wɔn na ɔbɛma aprannaa abobom wɔ soro agu wɔn soɔ.+
Yehowa na ɔbɛbu asase ano nyinaa atɛn,+
Na wama ne hene ahoɔden,+
Na wama deɛ wasra no no abɛn soɔ.”+
11 Afei Elkana kɔɔ ne fie wɔ Rama. Abɔfra no deɛ, ɔbɛyɛɛ Yehowa somfoɔ+ wɔ ɔsɔfoɔ Eli anim.
12 Ná Eli mma no yɛ mmarima ahuhufoɔ;+ ná wɔmmu Yehowa.+ 13 Asɔfoɔ adeɛ a ɛsɛ sɛ ɔman no de ma wɔn no,+ deɛ na wɔyɛ no nie: Obiara a ɔbɛbɔ afɔdeɛ no, sɛ wɔrenoa+ nam no a, ɔsɔfoɔ no somfoɔ de adinam a ano yɛ mmiɛnsa ba, 14 na ɔde bɛbɔ ɛsɛn anaa kwansɛn anaa dadesɛn anaa kukuo no mu. Deɛ adinam no bɛyi aba biara, ɔsɔfoɔ no fa. Saa na wɔde yɛɛ Israelfoɔ a wɔbaa Silo nyinaa.+ 15 Bio nso, wɔnnya nhyee+ sradeɛ no, ɔsɔfoɔ no somfoɔ ba, na ɔbɛka kyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ: “Ma me nam ma wɔntoto mma ɔsɔfoɔ, na nammono mmom na ɔbɛgye no wo nkyɛn, na ɛnyɛ nam a wɔanoa.”+ 16 Nanso sɛ onii no ka kyerɛ no sɛ: “Ma wɔnni kan nhye sradeɛ no ansa,+ na ɛno akyi no wobɛtumi afa deɛ wo kra kɔn dɔ+ biara” a, ɔka sɛ: “Dabi, fa ma me seesei ara; anyɛ saa a, mɛfa no ahoɔden so!”+ 17 Na asomfoɔ no bɔne dɔɔso pii Yehowa anim,+ ɛfiri sɛ mmarima no buu Yehowa afɔrebɔdeɛ animtia.+
18 Samuel somee+ Yehowa anim; ná ɔyɛ abɔfra a ɔhyɛ nwera asɔfotadeɛ.+ 19 Afei nso na ne maame pam nwera atadeɛ nsasini ma no, na ɔde brɛ no daa afirinhyia, berɛ a ɔne ne kunu ba bɛbɔ afirinhyia afɔdeɛ no.+ 20 Na Eli hyiraa+ Elkana ne ne yere sɛ: “Deɛ wode afɛm Yehowa no, Yehowa mma wonnya asefoɔ mfiri ɔbaa yi mu mfa nhyɛ deɛ wode afɛm no no ananmu.”+ Afei wɔsiim kɔɔ wɔn kurom. 21 Ɛnna Yehowa twaa n’ani bɛhwɛɛ Hanah,+ na ɔnyinsɛneeɛ, na ɔwoo mma mmarima mmiɛnsa ne mma mmaa mmienu.+ Na abɔfra Samuel nyinii Yehowa anim.+
22 Ná Eli abɔ akɔkoraa posoposo, na ɔtee+ deɛ ne mma mmarima no de reyɛ+ Israelfoɔ no nyinaa ne sɛdeɛ wɔne mmaa a wɔsom ahyiaeɛ ntomadan no ano da+ no nyinaa.+ 23 Deɛ na daa ɔka kyerɛ wɔn ne sɛ:+ “Adɛn nti na moyɛ nneɛma a ɛtete saa?+ Deɛ mete fa mo ho firi ɔmanfoɔ no nyinaa nkyɛn yɛ bɔne nko.+ 24 Dabi,+ me mma, nsɛm a wɔrekeka no Yehowa man mu a mereteteɛ no nyɛ.+ 25 Sɛ onipa yɛ onipa bɔne+ a, Onyankopɔn bɛsiesie ama no,+ na sɛ onipa yɛ Yehowa bɔne+ deɛ a, hwan na ɔbɛsiesie ama no?”+ Nanso wɔantie wɔn papa nne,+ ɛfiri sɛ afei deɛ na Yehowa pɛ sɛ ɔkunkum wɔn.+ 26 Saa berɛ no nyinaa na abɔfra Samuel gu so renyini, na Yehowa ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm.+
27 Onyankopɔn nipa+ bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɛnyɛ me na meyii me ho adi kyerɛɛ wo nana fiefoɔ berɛ a na wɔwɔ Egypt na wɔyɛ nkoa wɔ Farao fie no?+ 28 Meyii no firii Israel mmusuakuo nyinaa mu+ sɛ ɔnni me sɔfoɔ na ɔmforo m’afɔrebukyia+ na ɔmma ɔhyeɛ afɔdeɛ wisie ne ne hwa mforo nkɔ soro, na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ m’anim, na me nso mede deɛ Israelfoɔ de bɔ afɔdeɛ egya soɔ nyinaa bɛma wo nana fiefoɔ.+ 29 Adɛn nti na motiatia m’afɔrebɔ+ ne m’ayɛyɛdeɛ a mahyɛ no me tenabea+ hɔ no soɔ, na wodi wo mma ni sene me, sɛ mobɛdi me man Israel afɔrebɔdeɛ+ mu deɛ ɛyɛ nyinaa de adɔ sradeɛ?+
30 “‘Ɛno nti, Yehowa, Israel Nyankopɔn asɛm nie: “Me ara na mekaa sɛ, wo fie ne wo nana fie deɛ, wɔbɛnante m’anim akɔsi daa.”+ Nanso seesei deɛ, deɛ Yehowa aka nie: “Ɛmpare me koraa, ɛfiri sɛ wɔn a wɔdi me ni+ no, me nso mɛdi wɔn ni,+ na wɔn a wɔbu me animtia no, meremfa wɔn nyɛ hwee.”+ 31 Hwɛ! Nna bi reba a mɛtwa wo basa ne wo nana fie basa atwene, na akɔkoraa renka wo fie.+ 32 Nneɛma pa a wɔbɛyɛ ama Israel nyinaa mu no, wo deɛ, ɔtamfo na wobɛhu no me tenabea hɔ;+ akɔkoraa deɛ, ebi renka wo fie da. 33 Nanso wo ho nipa bi wɔ hɔ a merentwa no ntwene mfiri m’afɔrebukyia no ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma w’ani asɛe na wo kra abotoɔ; na wo fiefoɔ dodoɔ no ara bɛwuwu nnipa nkrantɛ ano.+ 34 Yei ne sɛnkyerɛnne a ɛbɛba wo mma mmarima mmienu, Hofni ne Finehas+ so ama woahunu: Wɔn mmienu nyinaa bɛwuwu da koro.+ 35 Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ+ bi so afa. Deɛ ɛwɔ m’akomam ne deɛ ɛwɔ me kra mu na ɔbɛyɛ; na mɛkyekyere daa fie ama no, na ɔbɛnante deɛ masra no+ no anim daa. 36 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛka+ wo fie no bɛba abɛkoto no agye akatua ne paanoo kurukuruwa na waka sɛ: “Mesrɛ wo fa me hyɛ asɔfodwuma no baako mu na manya paanoo sini bi adi.”’”+