14 Wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wɔka wo ho+ no bɛwe aboa no koko a wɔhim de bɔɔ afɔdeɛ+ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron+ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a ɛfiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ mu.
9 Akronkronneɛ mu adekronkron a ɛfiri egya afɔdeɛ mu bɛyɛ mo kyɛfa. Afɔdeɛ biara a ɔman no bɛbɔ ama me te sɛ aduane afɔdeɛ,+ bɔne ho afɔdeɛ,+ ne asodie afɔdeɛ+ bɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron ama wo ne wo mma.