Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 10
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Leviticus 10:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 6:23; 1Be 24:2
  • +Ex 27:3; Le 16:12
  • +Ex 30:35; Le 16:12
  • +Ex 30:9; Le 10:9; 16:2; Yes 28:7

Leviticus 10:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 16:35
  • +Le 22:9; Nu 26:61

Leviticus 10:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 29:23; Hes 20:41; Mt 6:9
  • +Ex 19:22; Yes 52:11
  • +Yes 49:3; Yoh 13:31; 2Te 1:10

Leviticus 10:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 6:18
  • +Aso 5:6

Leviticus 10:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 21:10; Nu 6:7
  • +Nu 16:22; Yos 7:1

Leviticus 10:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 21:12
  • +Ex 28:41; Le 8:12

Leviticus 10:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 31:5; Yes 28:7; Hes 44:21; Ho 4:11; Efe 5:18; 1Ti 3:3, 8; Tit 1:7

Leviticus 10:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 22:26; 44:23

Leviticus 10:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 24:8; 33:10; 2Be 17:9; Ne 8:8; Yer 18:18; Mal 2:7

Leviticus 10:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 29:2; Le 6:16
  • +Le 21:22

Leviticus 10:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 6:26; Nu 18:10

Leviticus 10:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 22:13
  • +Ex 29:26; Le 7:31; 9:21; Nu 18:11
  • +Le 7:34

Leviticus 10:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 8:29; Nu 18:18
  • +1Ko 9:13

Leviticus 10:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 9:3, 15

Leviticus 10:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 6:26; 7:6; Hes 44:29
  • +Ex 28:38; Nu 18:1; Yes 53:11; Yoh 1:29; 2Ko 5:21; Heb 9:28; 1Pe 2:24

Leviticus 10:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 6:30
  • +Le 6:26

Leviticus 10:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 9:8, 12
  • +Le 6:29

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Lev. 10:1Ex 6:23; 1Be 24:2
Lev. 10:1Ex 27:3; Le 16:12
Lev. 10:1Ex 30:35; Le 16:12
Lev. 10:1Ex 30:9; Le 10:9; 16:2; Yes 28:7
Lev. 10:2Nu 16:35
Lev. 10:2Le 22:9; Nu 26:61
Lev. 10:3Yes 29:23; Hes 20:41; Mt 6:9
Lev. 10:3Ex 19:22; Yes 52:11
Lev. 10:3Yes 49:3; Yoh 13:31; 2Te 1:10
Lev. 10:4Ex 6:18
Lev. 10:4Aso 5:6
Lev. 10:6Le 21:10; Nu 6:7
Lev. 10:6Nu 16:22; Yos 7:1
Lev. 10:7Le 21:12
Lev. 10:7Ex 28:41; Le 8:12
Lev. 10:9Mme 31:5; Yes 28:7; Hes 44:21; Ho 4:11; Efe 5:18; 1Ti 3:3, 8; Tit 1:7
Lev. 10:10Hes 22:26; 44:23
Lev. 10:11De 24:8; 33:10; 2Be 17:9; Ne 8:8; Yer 18:18; Mal 2:7
Lev. 10:12Ex 29:2; Le 6:16
Lev. 10:12Le 21:22
Lev. 10:13Le 6:26; Nu 18:10
Lev. 10:14Le 22:13
Lev. 10:14Ex 29:26; Le 7:31; 9:21; Nu 18:11
Lev. 10:14Le 7:34
Lev. 10:15Le 8:29; Nu 18:18
Lev. 10:151Ko 9:13
Lev. 10:16Le 9:3, 15
Lev. 10:17Le 6:26; 7:6; Hes 44:29
Lev. 10:17Ex 28:38; Nu 18:1; Yes 53:11; Yoh 1:29; 2Ko 5:21; Heb 9:28; 1Pe 2:24
Lev. 10:18Le 6:30
Lev. 10:18Le 6:26
Lev. 10:19Le 9:8, 12
Lev. 10:19Le 6:29
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Leviticus 10:1-20

Leviticus

10 Akyire yi, Aaron mma Nadab ne Abihu+ de wɔn gya kukuwa+ baeɛ na wɔde egya guu so. Afei wɔde aduhwam+ guu so na wɔde egya foforɔ bi a Yehowa mmaa ho kwan+ bɔɔ afɔdeɛ n’anim. 2 Na egya firi Yehowa anim bɛhyee wɔn,+ na wɔwuwuu Yehowa anim.+ 3 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ma wɔnte me din ho+ wɔ wɔn a wɔbɛn me+ no anim, na wɔnhyɛ me animuonyam+ ɔman no nyinaa anim.’” Na Aaron yɛɛ komm.

4 Enti Mose frɛɛ Aaron papa nua Usiel+ mma Misael ne Elisafan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛfa mo nuanom mfiri kronkronbea no anim nkɔ nsraban no akyi.”+ 5 Wɔba bɛsoaa wɔn kɔɔ nsraban no akyi, sɛdeɛ Mose kaeɛ no. Saa berɛ no nyinaa na wɔn ntade tenten no hyehyɛ wɔn.

6 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a wɔaka no, Eleasar ne Itamar, sɛ: “Monhwɛ na moannya mo tiri nwi basaa,+ na monnsunsuane mo ntadeɛ mu na moanwu na ne bo amfu nnipa no nyinaa.+ Ɔsɛeɛ a Yehowa nam egya so de baeɛ yi, mo nuanom Israelfoɔ bɛsu ama mo. 7 Monhwɛ na moamfiri ahyiaeɛ ntomadan yi ano ankɔ baabiara na moanwu,+ ɛfiri sɛ Yehowa sra ngo wɔ mo so.”+ Enti wɔyɛɛ sɛdeɛ Mose kaeɛ no.

8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: 9 “Berɛ biara a wo ne wo mma bɛba ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa mmosã+ foforɔ biara na moanwu. Yei yɛ ahyɛdeɛ a mo ne mo nkyirimma bɛdi so daa, 10 na ɛbɛma nnipa ahunu nsonsonoeɛ a ɛwɔ akronkronneɛ ne deɛ ɛho agu fĩ ntam, ne deɛ ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ ntam.+ 11 Afei nso ɛbɛma moatumi de ahyɛdeɛ a Yehowa nam Mose so de maeɛ nyinaa akyerɛkyerɛ Israelfoɔ no.”+

12 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a wɔaka, Eleasar ne Itamar, sɛ: “Momfa aduane afɔdeɛ+ a wɔde egya hye maa Yehowa no nkaeɛ no na monni no afɔrebukyia no ho. Monni no berɛ a emu nkaeɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron.+ 13 Na monni no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a ɛfiri Yehowa gya afɔdeɛ mu. Saa na wahyɛ me. 14 Wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wɔka wo ho+ no bɛwe aboa no koko a wɔhim de bɔɔ afɔdeɛ+ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron+ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a ɛfiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ mu. 15 Na wɔde aboa no nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no ne ne koko a wɔhim de bɔɔ afɔdeɛ+ no ne aboa a wɔde bɔɔ egya afɔdeɛ no sradeɛ bɛba, na wɔbɛhim no Yehowa anim. Ɛbɛyɛ wo ne wo mma a wɔka wo ho no kyɛfa+ daa, sɛdeɛ Yehowa ahyɛ no.”

16 Mose hwehwɛɛ baabiara sɛ ɔbɛhunu abirekyie a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ+ no, na ɔhunuu sɛ wɔahye ne nyinaa. Enti ne bo fuu Aaron mma a wɔaka no, Eleasar ne Itamar, na ɔkaa sɛ: 17 “Adɛn nti na moanwe aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron?+ Monnim sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron a ɔde ama mo sɛ monsoa asafo no mmusuo na mompata mma wɔn Yehowa anim?+ 18 Wɔamfa aboa no mogya amma kronkronbea hɔ.+ Anka ɛsɛ sɛ mowe no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no.”+ 19 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ɛnnɛ wɔde deɛ wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ aba Yehowa anim,+ nanso hwɛ asɛm a ato me. Sɛ mewee aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no nnɛ a, anka ɛbɛma Yehowa bo adwo anaa?”+ 20 Berɛ a Mose tee yei no, ne bo tɔɔ ne yam.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane