Leviticus
10 Akyire yi, Aaron mma Nadab ne Abihu+ de nkyɛnsee a wɔde gya gu mu baeɛ, na wɔde gya guu mu. Afei wɔde aduhwam+ guu so na wɔhyee biribi wɔ Yehowa anim a na ɔmmaa ho kwan.+ 2 Ɛnna egya firi Yehowa hɔ bɛhyee wɔn,+ na wɔwuwuu wɔ Yehowa anim.+ 3 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wɔn a wɔbɛn me no, ɛsɛ sɛ wɔhu sɛ meyɛ kronkron,+ na wɔhyɛ me animuonyam wɔ ɔman no nyinaa anim.’” Na Aaron yɛɛ komm.
4 Enti Mose frɛɛ Aaron papa nua Usiel+ mma Misael ne Elisafan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛfa mo nuanom mfiri kronkronbea no anim nkɔ asoɛeɛ no akyi.” 5 Wɔbɛfaa wɔn kɔɔ asoɛeɛ no akyi sɛdeɛ Mose kaeɛ no. Saa berɛ no nyinaa na wɔn ntaade tenten no hyehyɛ wɔn.
6 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a aka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Monhwɛ na moannya mo tiri nwi basaa anaa moannsunsuane mo ntaadeɛ mu+ anni awerɛhoɔ, anyɛ saa a, mobɛwu, na Onyankopɔn bo bɛfu asafo no nyinaa. Wɔn a Yehowa de gya aku wɔn yi, mo nuanom Israelfoɔ nyinaa bɛsu wɔn. 7 Montena mmɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano; mommfiri hɔ nnkɔ baabiara na moanwu, ɛfiri sɛ Yehowa srango wɔ mo so.”+ Enti wɔyɛɛ deɛ Mose kaeɛ no.
8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: 9 “Berɛ biara a wo ne wo mma bɛba ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsã foforɔ biara a ɛborɔ+ na moanwu. Wei yɛ ahyɛdeɛ a mo ne mo nkyirimma* bɛdi so daa. 10 Ɛbɛma wɔahu nsonsonoeɛ a ɛda ade kronkron ne deɛ ɛho agu fĩ ntam, ne deɛ ɛho te ne deɛ ɛho nte ntam.+ 11 Afei nso, ɛbɛma moatumi de ahyɛdeɛ a Yehowa nam Mose so de maa Israelfoɔ no nyinaa akyerɛkyerɛ wɔn.”+
12 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma a aka, Eleasar ne Itamar sɛ: “Aduane afɔreɛ a wɔde gya hye maa Yehowa no, momfa deɛ aka no ntõ paanoo a mmɔka* nnim, na monni no afɔrebukyia no ho,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ade kronkron paa.+ 13 Monni no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a ɛfiri afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu. Ɛno ne ahyɛdeɛ a me nsa kaeɛ. 14 Wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wɔka wo ho+ no bɛwe aboa no koko a wɔhim de bɔɔ afɔreɛ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron+ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a ɛfiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔreɛ mu. 15 Na ma wɔmfa aboa no nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no ne ne koko a wɔbɛhim de abɔ afɔreɛ no ne aboa no sradeɛ a wɔde gya bɛhye no mmra, na wɔnhim no Yehowa anim. Aboa no nan ne ne koko no bɛyɛ wo ne wo mma a wɔka wo ho no kyɛfa daa,+ sɛdeɛ Yehowa aka no.”
16 Mose hwehwɛɛ baabiara sɛ ɔbɛhu apɔnkye a wɔde bɛbɔɔ bɔne ho afɔreɛ+ no nam, nanso ɔhuu sɛ wɔahye ne nyinaa. Enti ne bo fuu Aaron mma a aka, Eleasar ne Itamar, na ɔkaa sɛ: 17 “Adɛn nti na moanwe aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no nam wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron no?+ Monnim sɛ ɛyɛ ade kronkron paa a ɔde ama mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye asafo no bɔne na moapata ama wɔn wɔ Yehowa anim? 18 Hwɛ! Wɔamfa aboa no mogya ankɔ kronkronbea hɔ,+ enti anka ɛsɛ sɛ mowe ne nam wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ me no.” 19 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ɛnnɛ wɔde deɛ wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ aba Yehowa anim,+ nanso hwɛ asɛm a ato me. Sɛ mewee aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no nnɛ a, anka ɛbɛma Yehowa ani agye anaa?” 20 Berɛ a Mose tee wei no, ne bo tɔɔ ne yam.