-
Nehemia 8:7, 8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Na Yesua, Bani, Serebia,+ Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad,+ Hanan, ne Pelaia, a wɔn nyinaa yɛ Lewifoɔ no, kyerɛkyerɛɛ Mmara no mu kyerɛɛ ɔman no.+ Saa berɛ no nyinaa na ɔman no gyinagyina hɔ. 8 Wɔtoaa so kenkan nokorɛ Nyankopɔn no Mmara nwoma no den, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu maa emu daa hɔ fann, na wɔboaa ɔman no maa wɔtee deɛ wɔrekenkan no ase.+
-