Malaki
2 “Afei mo, asɔfoɔ, deɛ mereka akyerɛ mo nie.+ 2 Sɛ moantie na moamma no anna mo akoma so sɛ mobɛhyɛ me din animuonyam a, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo so,+ na mɛma mo nhyira adane nnome.+ Deɛ ɛwom mpo ne sɛ, mama mo nhyira adane nnome dada, ɛfiri sɛ moamma no anna mo akoma so,” asafo Yehowa asɛm nie.
3 “Hwɛ! Mo nti mɛsɛe aba a moaguo no,*+ na mɛbɔ tiafi apete mo anim, mo afahyɛ tiafi no. Na wɔbɛsoa mo akɔ hɔ.* 4 Afei mobɛhunu sɛ me na mede ahyɛdeɛ yi ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a apam a me ne Lewi ayɛ no bɛgyina daa,”+ asafo Yehowa asɛm nie.
5 “Apam a me ne no yɛeɛ no, ɛmaa ɔnyaa nkwa ne asomdwoeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsuro me.* Ɔsuroo me, ampa, ɔnyaa obuo kɛseɛ maa me din. 6 Ná nokorɛ mmara* wɔ n’anom,+ na wamfa n’ano anka biribiara a ɛntene. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne tenenee mu,+ na ɔmaa nnipa pii twee wɔn ho firii bɔne ho. 7 Ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano bɔ nimdeɛ ho ban, na nnipa hwehwɛ mmara* firi n’anom.+ Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, ɔyɛ asafo Yehowa somafoɔ.
8 “Nanso mo deɛ, moamane afiri ɛkwan no so. Moama mmara* no ato nnipa pii suntidua.+ Moasɛe Lewi apam no,”+ asafo Yehowa asɛm nie. 9 “Wei nti, me nso mɛma mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa nyinaa anim, ɛfiri sɛ moamfa m’akwan so, na moyɛɛ animhwɛ wɔ asɛnnie mu.”+
10 “Ɛnyɛ agya baako na yɛn nyinaa wɔ?+ Ɛnyɛ Onyankopɔn baako no ara na ɔbɔɔ yɛn? Ɛnneɛ adɛn nti na yɛn mu biara twa ne yɔnko nkontompo+ de gu yɛn agyanom apam ho fĩ? 11 Yuda atwa nkontompo, na akyiwadeɛ bi akɔ so wɔ Israel ne Yerusalem. Ɛfiri sɛ Yehowa kronkronyɛ* a Ɔnni ho agorɔ no, Yuda agu ho fĩ,+ na wakɔware ananafoɔ nyame bi babaa.+ 12 Obiara a ɔbɛyɛ saa no, sɛ ɔyɛ hwan oo, sɛ ɔyɛ hwan oo,* sɛ ɔde akyɛdeɛ afɔreɛ brɛ asafo Yehowa mpo a, Yehowa bɛku no* afiri Yakob ntomadan mu.”+
13 “Ade foforɔ* bi nso wɔ hɔ a moyɛ. Ama nisuo ne esũ ne ahomeguo akata Yehowa afɔrebukyia no so. Enti ɔnhwɛ mo akyɛdeɛ afɔreɛ bio, na mo nsam biribiara nni hɔ a n’ani gye ho.+ 14 Na mobisa sɛ, ‘Adɛn ntira?’ Ɛne sɛ, Yehowa na ɔyɛ danseni wɔ wo ne ɔbaa a wowaree no wo mmeranteberɛm no ntam, wo yere a woatwa no nkontompo no. Nanso ɔno na ɔyɛ wo hokafoɔ ne wo yere a wo ne no yɛɛ apam.*+ 15 Nanso obi wɔ hɔ a wanyɛ saa, ɛfiri sɛ na ɔwɔ honhom a aka no bi. Ɛdeɛn na na onii no rehwehwɛ? Onyankopɔn aseni.* Enti monhwɛ mo suban yie, na monntwa mmaa a mowaree wɔn mo mmeranteberɛm no nkontompo. 16 Ɛfiri sɛ mekyiri* awaregyaeɛ,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa asɛm nie. “Na mekyiri deɛ ɔde awudisɛm ayɛ n’ataadeɛ,”* asafo Yehowa asɛm nie. “Monhwɛ mo suban yie, na monntwa nkontompo.+
17 “Mode mo nsɛm ahyɛ Yehowa brɛ.+ Nanso mobisa sɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛayɛ de ahyɛ no brɛ?’ Ɛne sɛ, moka sɛ: ‘Obiara a ɔyɛ bɔne no tene wɔ Yehowa ani so, na n’ani gye wɔn a wɔte saa ho,’+ na moka nso sɛ, ‘Atɛntenenee Nyankopɔn no wɔ he?’”