Malaki
2 “Asɔfoɔ, mo nso mo ahyɛdeɛ nie.+ 2 Sɛ moantie+ na moamma no anna mo akoma+ so sɛ mobɛhyɛ me din animuonyam a,+ mɛma nnome aba mo so,+ na mo nhyira bɛdane nnome.+ Mama mo nhyira adane nnome mpo dada, ɛfiri sɛ moamma no anna mo akoma so,” asafo Yehowa na aka.
3 “Hwɛ, mɛsɛe aba+ a moaguo no na mabɔ bini apete mo anim, mo afahyɛ bini no; na wɔbɛsoa mo akɔka ho. 4 Afei mobɛhunu sɛ me na mede mmara yi brɛɛ mo+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a apam+ a me ne Lewi ayɛ no bɛgyina daa,”+ asafo Yehowa na aka.
5 “M’apam bɛyɛɛ nkwa ne asomdwoeɛ maa no,+ na mekɔɔ so de maa no sɛ ɔnsuro.+ Ɔsuroo me nso, na me din nti ne ho popoeɛ.+ 6 Nokorɛ mmara wɔ n’anom,+ na wɔanhunu nkontomposɛm biara wɔ ne kɛtrɛma so. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne teeyɛ mu,+ na ɔdanee nnipa pii firii mmarato ho.+ 7 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ na nnipa hwehwɛ mmara firi n’anom,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ asafo Yehowa bɔfoɔ.+
8 “Nanso moamane afiri kwan no so.+ Moama mmara no ato nnipa pii suntidua.+ Moasɛe Lewi apam no,”+ asafo Yehowa na aka. 9 “Me nso mɛgu mo anim ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa nyinaa anim,+ sɛdeɛ moamfa m’akwan so na moyɛɛ animhwɛ wɔ asɛnnie mu no.”+
10 “Ɛnyɛ agya koro na yɛn nyinaa wɔ?+ Ɛnyɛ Onyankopɔn koro no ara na ɔbɔɔ yɛn?+ Adɛn nti na yɛtwa yɛn ho nkontompo+ de gu yɛn agyanom apam ho fĩ yi?+ 11 Yuda atwa nkontompo, na wɔayɛ akyiwadeɛ wɔ Israel ne Yerusalem.+ Yuda agu Yehowa kronkronyɛ a n’ani kũ ho no ho fĩ,+ na wakɔware ananafoɔ nyame bi babaa.+ 12 Yehowa bɛtwa obiara a ɔyɛ saa no afiri hɔ,+ na deɛ wanyane anaa deɛ ɔbua asɛm oo,* deɛ ɔde ayɛyɛdeɛ brɛ asafo Yehowa oo,+ wɔbɛtwa wɔn nyinaa afiri Yakob ntomadan mu.”
13 “Adeɛ a ɛtɔ so mmienu a moyɛ nie: Moama nisuo ne esu ne ahomeguo akata Yehowa afɔrebukyia so, enti ɔnhwɛ mo ayɛyɛdeɛ bio, na mo nsam biribiara nni hɔ a n’ani gye ho.+ 14 Na mobisa sɛ, ‘Adɛn ntira?’+ Ɛne sɛ, Yehowa no ara ne ɔdanseni wɔ wo ne wo mmeranteberɛ mu yere ntam,+ wo yere a woatwa no nkontompo no, nanso ɔno ne wo hokafoɔ ne w’apam yere.+ 15 Na obi wɔ hɔ a wanyɛ saa ɛfiri sɛ ɔwɔ honhom a aka no bi. Ɛdeɛn na na onii no hwehwɛ? Onyankopɔn aseni.+ Na monhwɛ mo honhom yie,+ na monntwa mo mmeranteberɛ mu yere nkontompo.+ 16 Ɔkyiri awaregyaeɛ+ ne deɛ ɔde amimdie kata n’atadeɛ soɔ,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa na aka. Afei asafo Yehowa aka sɛ: “Monhwɛ mo honhom yie, na monntwa nkontompo.+
17 “Mode mo nsɛm ahyɛ Yehowa brɛ,+ na mobisa sɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛde ahyɛ no brɛ?’ Ɛne sɛ moka sɛ: ‘Obiara a ɔyɛ bɔne no tene wɔ Yehowa ani so, na n’ani gye wɔn a wɔte saa ho,’+ anaasɛ, ‘Atɛntenenee Nyankopɔn no wɔ he?’”+