Malaki
3 “Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ+ adi m’anim abɛsiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafoɔ a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfoɔ+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirem. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na aka.+
2 “Na da a ɔbɛba no, hwan na ɔbɛtumi atintim,+ na sɛ ɔyi ne ho adi a, hwan na ɔbɛtumi agyina?+ Ɔbɛba sɛ ɔnanefoɔ+ gya ne ntomasifoɔ+ samina.+ 3 Na ɔbɛtena ase sɛ deɛ ɔnane dwetɛ+ yiyi mu fĩ, na ɔbɛyi Lewifoɔ mu fĩ.+ Ɔbɛte wɔn ho sɛ sika kɔkɔɔ+ ne dwetɛ na wɔafata ama Yehowa sɛ nnipa a wɔde ayɛyɛdeɛ+ ba tenenee mu. 4 Afei Yehowa ani bɛsɔ Yuda ne Yerusalem ayɛyɛdeɛ+ te sɛ tete nna no, mfeɛ a atwam no.+
5 “Na mɛba mo nkyɛn abɛbu atɛn,+ na mede ahoperɛ bɛdi adanseɛ+ atia asumanfoɔ,+ ne awaresɛefoɔ,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafoɔ apoo,+ ne wɔn a wɔsisi akunafoɔ+ ne nnyanka+ na wɔdi ahɔhoɔ+ amim, na wɔnsuro me no,”+ asafo Yehowa na aka.
6 “Mene Yehowa; mensakraeɛ.+ Mone Yakob mma; monsaeɛ.+ 7 Ɛfiri mo agyanom berɛ so na momane firii m’ahyɛdeɛ ho, na moanni so.+ Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,”+ asafo Yehowa asɛm nie.
Na mobisa sɛ: “Ɛkwan bɛn so na yɛnsan mmra?”
8 “Ɔdasani bɛtumi asisi Onyankopɔn anaa? Nanso mosisi me.”
Na mobisa sɛ: “Ɛdeɛn mu na yɛasisi woɔ?”
“Ntotosoɔ du du ne afɔrebɔdeɛ mu. 9 Nnome na mode dome+ me, na sisie na mosisi me, ɔman mũ no nyinaa. 10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.
11 “Na mɛka ɔsɛefoɔ* no anim ama mo,+ na ɔrensɛe mo asase so aba, na aba rempa mo afuo mu bobe so,”+ asafo Yehowa na aka.
12 “Na aman nyinaa bɛbu mo anigyefoɔ,+ ɛfiri sɛ mobɛyɛ anigyeɛ asase,”+ asafo Yehowa na aka.
13 Yehowa se: “Moakasa atia me yayaaya.”+
Na moka sɛ: “Ɛdeɛn na yɛaka atia woɔ?”+
14 “Moka sɛ, ‘Onyankopɔn som yɛ adehunu.+ Na mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so sɛ yɛdii n’ahyɛdeɛ soɔ na asafo Yehowa nti yɛnenam hɔ bosabosaa yi?+ 15 Seesei yɛbu ahantanfoɔ anigyefoɔ.+ Na wɔama abɔnefoɔ so agyina hɔ.+ Afei wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, nanso wɔnya wɔn tiri didi mu.’”+
16 Saa berɛ no wɔn a wɔsuro Yehowa+ no ne wɔn ho kasaeɛ, obiara ne ne yɔnko, na Yehowa yɛɛ aso tieeɛ.+ Na wɔtwerɛɛ nkaeɛ nwoma bi wɔ n’anim+ maa wɔn a wɔsuro Yehowa na wɔdwene ne din ho no.+
17 Asafo Yehowa asɛm nie: “Wɔbɛyɛ me ara me dea,+ na saa da no, mɛyɛ wɔn m’agyapadeɛ titire.+ Na me yam bɛhyehye me ama wɔn, sɛdeɛ obi yam hyehye no ma ne ba a ɔsom no no.+ 18 Afei mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam,+ ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.”+