9 “‘Mede ɔhyew baa mo so na memaa yareɛ te sii mo mfuo so.+ Moyeyɛɛ bobe nturo ne nturo foforɔ pii, nanso ɔsã wee mo borɔdɔma nnua ne mo ngo nnua nyinaa;+ nanso yei nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.
7Yei na Awurade Tumfoɔ Yehowa maa mehunuiɛ; hwɛ, na ɔreboaboa ntutummɛ ano, berɛ a aba a ɛdi akyire no firii aseɛ sɛ ɛreyi ne ti no.+ Yei yɛ berɛ a wɔatwa ɔhene serɛ awie na wɔadua aba a ɛdi akyire no.