Amos
4 “Basan+ anantwibereɛ a mogu Samaria+ bepɔ so a mosisi abrɛfoɔ+ na mobubu ahiafoɔ, mo a moka kyerɛ mo wuranom sɛ, ‘Momfa mmra mma yɛnnom!’ no, montie asɛm yi. 2 Awurade Tumfoɔ Yehowa de ne kronkronyɛ aka ntam+ sɛ, ‘“Hwɛ, nna bi bɛba a ɔde dadeɛ nkɔtɔkorɔ bɛtwe mo akɔ, na wɔn a wɔbɛka no nso ɔde nnaawa atwe wɔn.+ 3 Na mobɛfa ɔfasuo ntokuro mu akɔ+ mo anim tẽẽ; na wɔbɛto mo atwene Harmon,” Yehowa asɛm nie.’
4 “‘Mommra Betel mmɛto mmara,+ na momma mo mmarato nnɔɔso wɔ Gilgal.+ Afei momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, momfa ntotosoɔ du du mmra.+ 5 O Israelfoɔ, monhye adeɛ a emu aka mfa mmɔ aseda afɔdeɛ,+ na mompae mu nka mo ayɛyɛdeɛ;+ mommɔ no dawuro, na saa na mopɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
6 “‘Na me nso memaa mo sẽ so yɛɛ wesee+ wɔ mo nkuro nyinaa mu, na aduane ho yɛɛ nã wɔ mo atenaeɛ nyinaa;+ nanso moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.
7 “‘Enti aka abosome mmiɛnsa ama twaberɛ aduro no mamma nsuo antɔ amma mo;+ na memaa nsuo tɔɔ kuro baako mu, nanso mamma no antɔ kuro foforɔ mu. Nsuo tɔ guu asase baako so, na asase a mamma nsuo antɔ angu soɔ no so woo wesee.+ 8 Na nkuro mmienu anaa mmiɛnsa kyinkyini kɔnom nsuo wɔ kuro baako mu,+ na wɔammee; nanso yei nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.
9 “‘Mede ɔhyew baa mo so na memaa yareɛ te sii mo mfuo so.+ Moyeyɛɛ bobe nturo ne nturo foforɔ pii, nanso ɔsã wee mo borɔdɔma nnua ne mo ngo nnua nyinaa;+ nanso yei nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.
10 “‘Na memaa owuyareɛ a ɛte sɛ Egypt deɛ no bi baa mo so.+ Mede nkrantɛ kunkum mo mmeranteɛ+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛeɛ bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso yei nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.
11 “‘Medanee mo butuu sɛdeɛ Onyankopɔn danee Sodom ne Gomora butuiɛ no.+ Na moyɛɛ sɛ dua a wɔahwim afiri gya mu;+ nanso yei nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.
12 “Enti deɛ mede bɛyɛ woɔ nie, Israel. Na ɛsiane sɛ yei na mede bɛyɛ woɔ nti, siesie wo ho kɔhyia wo Nyankopɔn,+ Israel. 13 Hwɛ, deɛ ɔnwenee mmepɔ+ na ɔbɔɔ mframa,+ deɛ ɔka ne tirim asɛm kyerɛ ɔdasani,+ deɛ ɔma adekyeeɛ yɛ kusuu+ na ɔtiatia asase so nkokoɔ soɔ no,+ ne din ne Yehowa, asafo Nyankopɔn.”+