Nehemia
8 Ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ abɔnten wɔ Nsuo Pono+ no anim. Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔtwerɛfoɔ* Esra+ sɛ ɔmfa Mose Mmara+ nwoma a Yehowa de maa Israel no+ mmra. 2 Enti bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no,+ ɔsɔfoɔ Esra de Mmara no baa badwa no anim.+ Saa berɛ no, na mmarima ne mmaa ne obiara a ɔte asɛm a ɔtumi te aseɛ ahyia. 3 Na ɔkenkan no den+ abɔnten wɔ Nsuo Pono no anim firi ahomakye kɔsii awia,* wɔ mmarima ne mmaa ne nnipa foforɔ a wɔtumi te nneɛma ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee+ Mmara nwoma no mu nsɛm. 4 Na ɔtwerɛfoɔ Esra gyinaa apa a wɔde nnua ayɛ ama nhyiamu no so; wɔn a na wɔgyinagyina ne nifa so ne Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia, ne Maaseia, na wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so ne Pedaia, Misael, Malkiya,+ Hasum, Has-Badana, Sakaria, ne Mesulam.
5 Esra buee nwoma no mu maa ɔman no nyinaa hunuiɛ, ɛfiri sɛ na ɔwɔ soro sene wɔn nyinaa. Berɛ a ɔbuee mu no, nnipa no nyinaa sɔresɔreeɛ. 6 Ɛnna Esra de ayeyie maa Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn no, Deɛ ɔyɛ kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!* Amen!”+ Na wɔmemaa wɔn nsa so. Afei wɔkoto de wɔn anim butubutuu fam sɔree Yehowa. 7 Na Yesua, Bani, Serebia,+ Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad,+ Hanan, ne Pelaia, a wɔn nyinaa yɛ Lewifoɔ no, kyerɛkyerɛɛ Mmara no mu kyerɛɛ ɔman no.+ Saa berɛ no nyinaa na ɔman no gyinagyina hɔ. 8 Wɔtoaa so kenkan nokorɛ Nyankopɔn no Mmara nwoma no den, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu maa emu daa hɔ fann, na wɔboaa ɔman no maa wɔtee deɛ wɔrekenkan no ase.+
9 Nehemia a saa berɛ no na ɔyɛ amrado,* ne ɔsɔfoɔ Esra+ a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Ɛnnɛ yɛ da kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.+ Monnni awerɛhoɔ, na monnsu.” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, berɛ a ɔman no retie Mmara no mu nsɛm no, na wɔn nyinaa resu. 10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔdi mo aduane papa bi* na monnom adɔkɔdɔkɔdeɛ, na momfa bi+ nkɔma wɔn a wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ da kronkron ma yɛn Awurade. Enti mommma mo werɛ nnho, na Yehowa mu anigyeɛ ne mo abandenden.”* 11 Lewifoɔ no nso ka kyekyee nkurɔfoɔ no nyinaa werɛ sɛ: “Monnyae su! Ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ da kronkron, enti mommma mo werɛ nnho.” 12 Ɛnna nkurɔfoɔ no nyinaa kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔkyekyɛɛ bi maa afoforɔ, na wɔdii ahurisie kɛse+ ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.+
13 Na da a ɛtɔ so mmienu no, agyanom mmusua mu mpanimfoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no boaboaa wɔn ho ano baa ɔtwerɛfoɔ Esra nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Mmara nsɛm no mu nteaseɛ a wɔanya no, wɔbɛnya bi aka ho. 14 Ɛnna wɔhuu sɛ wɔatwerɛ no Yehowa Mmara a ɔde faa Mose so no mu sɛ, sɛ Israelfoɔ redi bosome a ɛtɔ so nson no mu afahyɛ no a, wɔntenatena apata* ase,+ 15 na ɛsɛ sɛ wɔbɔ dawuro+ na wɔpae mu ka wɔ wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem baabiara sɛ: “Monkɔ mmepɔ no so nkɔpɛ ngodua mman, nku dua mman, ohwadua mman, ɛberɛ, ne nnua foforɔ mman mfa mmɛbɔ apata sɛdeɛ wɔatwerɛ no.”
16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔpɛɛ bi baeɛ, na wɔde bobɔɔ apata, obiara bɔɔ ne deɛ wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ ne nokorɛ Nyankopɔn no fie adihɔ+ ne mmɔnten so wɔ baabi a ɛbembɛn Nsuo Pono+ no ne Efraim Pono+ no. 17 Enti wɔn a wɔasan aba wɔn man mu no nyinaa bobɔɔ apata, na wɔtenatenaa apata no mu. Ɛfiri Nun ba Yosua+ nna no mu bɛsi saa da no, na Israelfoɔ nyɛɛ saa da, na ɛmaa wɔdii ahurisie kɛse.+ 18 Na ɛfiri da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtwa toɔ no, da biara na wɔkenkan nokorɛ Nyankopɔn no Mmara+ nwoma no; wɔdii afahyɛ no nnanson, na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ nhyiamu titire sɛdeɛ mmara no kyerɛ.+