Nehemia
9 Bosome yi da a ɛtɔ so 24 no, Israelfoɔ boaboaa wɔn ho ano; wɔfiraa awerɛhoɔ ntoma* yɛɛ akɔnkyene,* na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi.+ 2 Na wɔn a wɔyɛ Israelfoɔ ankasa no tee wɔn ho firii ananafoɔ no nyinaa ho,+ na wɔsɔre kaa wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne.+ 3 Afei wɔgyinagyinaa wɔn gyinabea na wɔde da no mu nnɔnhwere mmiɛnsa* kenkan Yehowa wɔn Nyankopɔn Mmara nwoma no+ den, na wɔde emu nnɔnhwere mmiɛnsa nso kaa wɔn bɔne; afei nso wɔkotoo Yehowa, wɔn Nyankopɔn anim.
4 Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia,+ Bani, ne Kenani sɔre gyinagyinaa bamma+ a wɔayɛ ama Lewifoɔ no so, na wɔde nne kɛseɛ teaam frɛɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn. 5 Na Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia a wɔyɛ Lewifoɔ no kaa sɛ: “Monsɔre na monyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ daa daa.*+ Ma wɔnkamfo wo din kɛseɛ a ɛboro ayeyie ne nkamfoɔ nyinaa so no.
6 “Wo nko ara ne Yehowa,+ na ɔsoro, ɔsoro mu soro ne emu asafodɔm nyinaa, asaase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na woyɛeɛ. Wo na wokora wɔn nyinaa so ma wɔtena ase; ɔsoro asafodɔm nyinaa nso koto wo. 7 Wone Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn no; wo na wopaw Abram+ na woyii no firii Kaldeafoɔ asaase Ur+ so, na wotoo ne din Abraham.+ 8 Wohuu sɛ n’akoma di mu wɔ w’anim;+ ɛno nti, wo ne no yɛɛ apam sɛ wode Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asaase bɛma ɔne n’asefoɔ,*+ na wotene nti, wodii wo bɔhyɛ so.
9 “Enti wohuu amanehunu a ɛtoo yɛn agyanom wɔ Egypt no,+ na wotiee wɔn sufrɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ de twee Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asaase so nyinaa aso,+ ɛfiri sɛ na wonim sɛ wɔadi wo nkurɔfoɔ so ahantansɛm.+ Wode gyee din, na atena hɔ abɛsi nnɛ.+ 11 Wopaee ɛpo no mu wɔ wɔn anim maa wɔfaa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfimfini kɔe;+ na wɔn a wɔtaa wɔn so no, wotoo wɔn guu ɛpo bunu no mu te sɛ ɛboɔ a wɔato ato nsuo a ano yɛ den mu.+ 12 Wonam mununkum dum so kyerɛɛ wɔn kwan awia, na anadwo nso wonam egya dum a ɛhyerɛn so kyerɛɛ wɔn kwan a wɔmfa so.+ 13 Wosiane baa Sinai Bepɔ+ so ne wɔn kasa firii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛtene ne mmara a ɛyɛ nokorɛ* ne akwankyerɛ pa ne ahyɛdeɛ maa wɔn.+ 14 Womaa wɔhuu wo Homeda+ kronkron, na wonam w’akoa Mose so maa wɔn ahyɛdeɛ, akwankyerɛ, ne mmara. 15 Wode aduane firi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsuo firii ɔbotan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asaase a wokaa ntam* sɛ wode bɛma wɔn no.
16 “Nanso yɛn agyanom dii ahantansɛm;+ wɔyɛɛ asoɔden*+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ. 17 Wɔantie,+ na wɔankae anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no. Mmom no, wɔyɛɛ asoɔden na wɔyii obi sɛ ɔnni wɔn anim nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt.+ Nanso woyɛ Onyankopɔn a woyi wo yam de bɔne kyɛ,* wowɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu, wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+ enti woampo wɔn.+ 18 Berɛ a wɔyɛɛ nantwie ba honi* na wɔkaa sɛ, ‘Wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt no+ nie,’ na wɔbuu wo animtia kɛseɛ no, 19 wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woannya wɔn wɔ serɛ no so.+ Mununkum dum no amfiri wɔn so awia; ɛkyerɛɛ wɔn kwan. Na egya dum a ɛhyerɛn no nso amfiri wɔn so anadwo; ɛkyerɛɛ wɔn kwan a wɔmfa so.+ 20 Wode wo honhom pa no maa wɔn na ama wɔayɛ mmadwemma,+ na wo mana nso woamfa ankame wɔn.*+ Womaa wɔn nsuo de kum wɔn sukɔm.+ 21 Womaa wɔn aduane mfirinhyia 40 wɔ serɛ no so.+ Hwee anhia wɔn. Wɔn ntaadeɛ antete,+ na wɔn nan ase nso antaatae.
22 “Wode ahennie ne aman maa wɔn maa wɔkyekyɛɛ mu de obiara deɛ maa no;+ wɔfaa Hesbon+ hene Sihon asaase+ ne Basan hene Og asaase.+ 23 Womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.+ Ɛnna wode wɔn baa asaase a wohyɛɛ bɔ sɛ wɔn agyanom nkɔfa no+ so. 24 Enti wɔn mma bɛfaa asaase no,+ na Kaananfoɔ a wɔte asaase no so no, womaa wɔdii wɔn so;+ wɔn ahemfo ne asaase no sofoɔ nyinaa, wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa maa wɔyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ. 25 Wɔdii nkuro a wɔabɔ ho ban+ ne asaase pa*+ so, na wɔnyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu ma, mmura a wɔatu, bobe mfuo ne ngodua mfuo+ ne nnua pii a ɛso aba. Enti wɔdidi meeɛ, wɔyeyɛɛ akɛseɛ, wɔn ho tɔɔ wɔn, na wo papayɛ bebrebe nti, wɔnyaa asetena pa.
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden na wɔtee wo so atua,+ na wo Mmara nso wɔpoeɛ.* W’adiyifoɔ a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, wɔkunkum wɔn, na wɔbuu wo animtia kɛse.+ 27 Wei nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa+ maa wɔn ho hiahiaa wɔn.+ Nanso sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wɔsu frɛ wo, na wo nso wofiri soro hɔ tie wɔn; na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woma wɔn agyefoɔ ma wɔgye wɔn firi wɔn atamfo nsam.+
28 “Na sɛ wɔn ho tɔ wɔn ara pɛ a, wɔsan yɛ w’ani so bɔne,+ na wo nso wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma wɔhyɛ wɔn so.*+ Ɛba saa a, wɔsan ba wo nkyɛn bɛsu frɛ wo,+ na wofiri soro hɔ tie wɔn. Berɛ biara a wɔbɛsan aba no, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, wogye wɔn.+ 29 Ɛyɛ a wobɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsan aba wo Mmara ho, nanso wɔdi ahantansɛm na wɔntie w’ahyɛdeɛ;+ na w’atemmusɛm nso, wɔbu so yɛ bɔne; ɛno nso na sɛ obi di so a, ɔnam so nya nkwa.+ Wɔantie, na mmom wɔyɛɛ asoɔden sensenee wɔn kɔn. 30 Wonyaa wɔn ho aboterɛ+ mfeɛ pii na wonam wo honhom ne w’adiyifoɔ so bɔɔ wɔn kɔkɔ, nanso wɔantie. Ɛduruu baabi no, wode wɔn hyɛɛ asaase no so aman nsa.+ 31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woanto wɔn antwene, ɛfiri sɛ woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+
32 “Afei, O yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn a woyɛ kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, wodi w’apam so, na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi,+ amanehunu a aba yɛne yɛn ahemfo, yɛn mpanimfoɔ,+ yɛn asɔfoɔ,+ yɛn adiyifoɔ,+ yɛn agyanom, ne wo nkoa nyinaa so firi Asiria ahemfo+ berɛ so bɛsi nnɛ yi, mma no nnyɛ ade ketewa wɔ w’ani so. 33 Deɛ aba yɛn so nyinaa mu no, wodi bem ɛfiri sɛ woadi nokorɛ wɔ wo nneyɛɛ mu; yɛn na yɛayɛ bɔne.+ 34 Na yɛn ahemfo, yɛn mpanimfoɔ, yɛn asɔfoɔ, ne yɛn agyanom deɛ, wɔanni wo Mmara so, na wɔantie w’ahyɛdeɛ ne wo nkaesɛm* a wode bɔɔ wɔn kɔkɔ no. 35 Berɛ mpo a wɔn ahennie rekɔ so a womaa wɔn nneɛma pa pii ne asaase pa* a ɛtrɛ no, wɔn deɛ, wɔansom wo+ na wɔantwe wɔn ho amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne ho. 36 Hwɛ! Yɛn na ɛnnɛ yɛayɛ nkoa yi!+ Yɛayɛ nkoa wɔ asaase a wode maa yɛn agyanom sɛ wɔnni so aba ne emu nneɛma pa no so. 37 Yɛn bɔne nti nnɔbaeɛ pii a ɛso no, ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so no hɔ na ɛkɔ.+ Wɔredi yɛn nipadua ne yɛn nyɛmmoa so sɛdeɛ wɔpɛ; yɛakɔ ahohia kɛseɛ mu.
38 “Wei nyinaa nti, yɛreyɛ apam a ɛdi mu;+ yɛretwerɛ na yɛama yɛn mpanimfoɔ, Lewifoɔ, ne yɛn asɔfoɔ nso de wɔn ahyɛnsodeɛ atintim so.”+