Nehemia
9 Bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no,+ Israel mma boaboaa wɔn ano, na wɔdii mmuada+ firaa atweaatam+ de dɔteɛ guu+ wɔn atifi. 2 Na Israel asefoɔ tee wɔn ho+ firii ananafoɔ+ no nyinaa ho, na wɔsɔre kaa+ wɔn ara wɔn bɔne+ ne wɔn agyanom amumuyɔ.+ 3 Wɔgyinagyinaa wɔn gyinabea+ na wɔde adekyeeɛ mu nnɔnhwere mmiɛnsa* kenkan Yehowa, wɔn Nyankopɔn mmara nwoma+ no den, na wɔde nnɔnhwere mmiɛnsa+ nso kaa wɔn bɔne,+ na wɔkotoo Yehowa, wɔn Nyankopɔn anim.+
4 Ɛnna Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia,+ Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa pampa+ a wɔayɛ ama Lewifoɔ no soɔ, na wɔde nne kɛseɛ+ teaam frɛɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn. 5 Na Lewifoɔ Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: “Monsɔre na monyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ+ nkɔsi daa daa.+ Ma wɔnkamfo w’animuonyam din+ a wɔama so atra nkamfoɔ ne ayeyie nyinaa no.
6 “Wo nko ara+ ne Yehowa, na ɔsoro,+ ɔsoro mu soro ne emu asafodɔm nyinaa,+ asase+ ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa,+ ɛpo+ ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,+ wo na woyɛeɛ; wo na wokora wɔn nyinaa so ma wɔtena aseɛ; ɔsoro asafodɔm+ nyinaa nso koto wo. 7 Wone Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn no, wo na woyii Abram,+ na wofaa no firii Kaldeafoɔ+ asase Ur so, na wotoo ne din Abraham.+ 8 Na wohunuu sɛ n’akoma di mu w’anim;+ ɛno nti, wo ne no yɛɛ apam+ sɛ wode Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma ɔne n’asefoɔ,+ na wotene nti,+ wodii w’asɛm so.
9 “Ɛno nti wohunuu+ amanehunu a ɛtoo yɛn agyanom wɔ Egypt no, na wotiee wɔn sufrɛ Po Kɔkɔɔ no ho.+ 10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ tiaa Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asase soɔ nyinaa,+ ɛfiri sɛ na wonim sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm;+ na wode nyaa din+ de abɛsi nnɛ. 11 Wopaee ɛpo+ no mu wɔn anim maa wɔfaa asase kesee+ so wɔ ɛpo no mfimfini twaeɛ; na wɔn ataafoɔ no, wotoo wɔn guu abunu+ no mu sɛ boɔ+ wɔ nsuo a ano yɛ den no mu.+ 12 Wonam mununkum dum so kyerɛɛ wɔn kwan awia,+ na anadwo+ nso wonam egya dum a ɛhyerɛn+ so kyerɛɛ wɔn kwan a wɔmfa soɔ. 13 Wosiane baa Bepɔ Sinai so+ ne wɔn kasa firii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛtene+ ne nokorɛ mmara+ ne akwankyerɛ pa+ ne ahyɛdeɛ+ maa wɔn. 14 Womaa wɔhunuu wo homeda+ kronkron ne ahyɛdeɛ ne akwankyerɛ, na wonam w’akoa Mose so maa wɔn mmara.+ 15 Wode aduane firi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsuo firii botan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa+ asase a womaa wo nsa so de kaa ntam sɛ wode bɛma wɔn no.+
16 “Na wɔn, yɛn agyanom deɛ, wɔdii ahantansɛm;+ wɔsenee wɔn kɔn+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ. 17 Wɔantie,+ na wɔankae+ w’anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no, mmom no, wɔsenee wɔn kɔn+ na wɔyii obi sɛ ɔnni wɔn anim+ nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt. Nanso woyɛ Nyankopɔn a wode bɔne firie,+ ɔdomfoɔ+ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ wo bo kyɛre fu+ na w’adɔeɛ dɔɔso,+ enti woampo wɔn.+ 18 Berɛ a wɔyɛɛ nantwie ba honi+ na wɔkaa sɛ, ‘Wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt no nie,’+ na wɔbuu wo animtia kɛse no, 19 wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woannya+ wɔn serɛ no so. Mununkum dum no amfiri wɔn so awia sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan,+ na egya dum no nso amfiri wɔn so sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn anadwo na akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa soɔ.+ 20 Wode wo honhom+ pa no maa wɔn na ama wɔayɛ mmadwemma, na wo mana nso woanyi amfiri wɔn anom.+ Womaa wɔn nsuo de kum wɔn sukɔm.+ 21 Womaa wɔn aduane mfirinhyia aduanan+ wɔ serɛ no so. Hwee anhia wɔn.+ Na wɔn ntadeɛ nso ansu,+ na wɔn nan ase antaatae.+
22 “Wode ahennie ne aman maa wɔn+ maa wɔkyekyɛɛ mu+ de obiara deɛ maa no; wɔfaa Sihon asase,+ Hesbon+ hene no asase ne Basan+ hene Og+ asase no. 23 Womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.+ Ɛnna wode wɔn baa asase+ a wohyɛɛ bɔ sɛ wɔn agyanom+ nkɔfa no soɔ. 24 Enti wɔn mma+ bɛfaa asase no,+ na womaa wɔdii+ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ+ so, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, wɔn ahemfo+ ne asase no sofoɔ,+ na wɔyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.+ 25 Wɔdii nkuro a ɛyɛ den+ ne asase a adɔ sradeɛ so,+ na wɔnyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu mã,+ mmura a wɔatuo,+ bobe nturo ne ngodua+ mfuo ne nnua a ɛso aba pii, na wɔdidi meeɛ+ na wɔyeyɛɛ akɛse+ na wɔnyaa ahotɔ, wo papayɛ+ kɛseɛ mu.
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden+ na wɔtee w’anim atua,+ na wo mmara nso wɔto twenee wɔn akyi,+ na w’adiyifoɔ a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no,+ wɔkunkum wɔn,+ na wɔbuu wo animtia kɛse.+ 27 Yei nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo+ nsa maa wɔhiahiaa wɔn ho.+ Na sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wɔsu frɛ wo,+ na wo nso wofiri soro hɔ tie wɔn;+ na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe+ teɛ no, woma wɔn agyefoɔ+ ma wɔgye wɔn firi wɔn atamfo nsam.+
28 “Na sɛ wɔnya ɔhome ara pɛ a, wɔsan yɛ w’ani so bɔne,+ na wo nso wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma wɔtiatia wɔn so.+ Na da biara a wɔbɛsan aba wo nkyɛn bio abɛhwehwɛ mmoa no,+ wofiri soro hɔ+ tie wɔn na wogye wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe teɛ no.+ 29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho deɛ, nanso wɔdii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wɔbuu nnua guu wɔn asom+ na wɔsensenee wɔn kɔn,+ na wɔantie.+ 30 Wonyaa wɔn ho akoma mfeɛ pii+ na wonam wo honhom ne w’adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ wɔn,+ nanso wɔanyɛ asõ antie.+ Ɛno nti, wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.+ 31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woampo+ wɔn, ɛfiri sɛ woyɛ ɔdomfoɔ+ ne mmɔborɔhunu+ Nyankopɔn.
32 “Afei, O yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn pumpuni,+ otumfoɔ+ a wo ho yɛ hu+ a wokora apam+ ne adɔeɛ+ soɔ, mma amanehunu a aba yɛne+ yɛn ahemfo+ ne yɛn mmapɔmma+ ne yɛn asɔfoɔ+ ne yɛn adiyifoɔ+ ne yɛn agyanom,+ ne wo nkoa nyinaa so firi Asiria ahemfo berɛ so bɛsi nnɛ da yi+ nnyɛ ade ketewa w’anim.+ 33 Wotene+ wɔ deɛ aba yɛn soɔ nyinaa mu, ɛfiri sɛ woadi nokorɛ+ wɔ deɛ woayɛ mu, na yɛn na yɛayɛ bɔne.+ 34 Na yɛn ahemfo ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfoɔ ne yɛn agyanom+ deɛ, wɔanni wo mmara so,+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ+ ne w’adansesɛm a wonam so kasa kyerɛɛ+ wɔn no. 35 Berɛ a wɔn ahennie+ rekɔ soɔ a womaa wɔn nneɛma pa pii,+ ne asase a ɛtrɛ na adɔ sradeɛ no,+ wɔn deɛ, wɔansom wo+ na wɔannane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne ho.+ 36 Hwɛ! Ɛnnɛ yɛyɛ nkoa;+ na asase a wode maa yɛn agyanom sɛ wɔnni so aba ne emu nneɛma pa no, hwɛ, yɛyɛ nkoa wɔ so,+ 37 na ɛreso nnɔbaeɛ+ pii ma ahemfo+ a yɛn bɔne+ nti wode wɔn asisi yɛn soɔ no, na wɔredi yɛn nipadua ne yɛn nyɛmmoa so sɛdeɛ wɔpɛ; yɛaba ahohia kɛseɛ mu.+
38 “Yei nyinaa nti, yɛreyɛ nokorɛ apam,+ yɛretwerɛ na yɛama yɛn mmapɔmma ne yɛn Lewifoɔ ne yɛn asɔfoɔ+ nso asɔ ano.”+