6 Yosua hunuu deɛ asie no, ɔsuanee n’atadeɛ mu na ɔde n’anim butuu fam+ Yehowa adaka no anim kɔsii anwummerɛ, ɔne Israel mpanimfoɔ no, na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi.+
2 Na ne nnansa soɔ no, hwɛ! na ɔbarima+ bi firi nsraban no mu, Saul nkyɛn, reba a wasuane n’atadeɛ mu+ na dɔteɛ gu n’atifi.+ Berɛ a ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔbɔɔ ne mu ase kotoo fam.+
12 Berɛ a wɔwɔ akyirikyiri a wɔmemaa wɔn ani so hunuu no no, wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno a. Na wɔmemaa wɔn nne so suiɛ, na wɔn mu biara suanee+ n’atadeɛ ngugusoɔ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro guu wɔn atifi.+