2 Samuel
anaa, sɛdeɛ Hela Septuagint kyerɛ no, AHEMFO NWOMA A ƐTƆ SO MMIENU
1 Na Saul wuo akyi a Dawid afiri adi akɔkunkum Amalekfoɔ+ aba no, Dawid san bɛtenaa Siklag+ nnanu. 2 Na ne nnansa soɔ no, hwɛ! na ɔbarima+ bi firi nsraban no mu, Saul nkyɛn, reba a wasuane n’atadeɛ mu+ na dɔteɛ gu n’atifi.+ Berɛ a ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔbɔɔ ne mu ase kotoo fam.+
3 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Ɛhe na wofiri reba yi?” Na ɔbuaa sɛ: “Israel nsraban mu na mefiri adwane aba yi.” 4 Na Dawid san bisaa no sɛ: “Nneɛma kɔɔ so sɛn? Mesrɛ wo, ka kyerɛ me.” Na ɔkaa sɛ: “Ɔman no adwane afiri akono hɔ, na wɔn mu pii atotɔ na wɔawuwu;+ Saul+ ne ne ba Yonatan+ nso awuwu.” 5 Ɛnna Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛka kyerɛɛ no no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saul ne ne ba Yonatan awuwu ampa?”+ 6 Ɛnna aberanteɛ a ɔbɛka kyerɛɛ no no kaa sɛ: “Mekɔpuee Bepɔ Gilboa+ so, na mehunuu sɛ Saul twere ne pea,+ na hwɛ! ná nteaseɛnam sotefoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ no ato no awie.+ 7 Berɛ a ɔtwaa n’ani no, ɔhunuu me, na ɔfrɛɛ me, na megyee so sɛ, ‘Menie!’ 8 Ɛnna ɔbisaa me sɛ, ‘Wone hwan?’ Na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’+ 9 Afei ɔkaa sɛ, ‘Mesrɛ wo, twe bɛn me na ku me, ɛfiri sɛ merehunu amane, na me kra+ da so wɔ me mu.’ 10 Enti metwe bɛn no kum+ no, ɛfiri sɛ n’ahweaseɛ akyi no, mehunuu sɛ ɔrentumi ntena nkwa mu bio. Afei mefaa ne tiri so ahemmotire+ ne ne nsa so nkapo sɛ mede rebrɛ me wura wɔ ha.”
11 Ɛnna Dawid sɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu,+ na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa. 12 Na wɔtwaa adwo suiɛ,+ na wɔdii mmuada+ maa Saul ne ne ba Yonatan ne Yehowa man ne Israel fie+ kɔsii anwummerɛ, nkrantɛ ano a wɔtotɔeɛ nti.
13 Afei Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛka kyerɛɛ no no sɛ: “Wofiri he?” Na ɔbuaa sɛ: “Meyɛ Amalekni+ hɔhoɔ bi a wabɛsoɛ ha ba.” 14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woansuro+ sɛ wobɛtene wo nsa asɛe deɛ Yehowa asra+ no no?” 15 Dawid kaa saa no, ɔfrɛɛ mmeranteɛ no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe bɛn no na bɔ no.” Enti ɔbɔɔ no hwee hɔ maa no wuiɛ.+ 16 Afei Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wo mogya ho afɔdie bɛgu w’atifi+ ɛfiri sɛ w’ano na adi adanseɛ atia wo+ sɛ, ‘Me ara na mekum deɛ Yehowa asra no’ no.”+
17 Na Dawid twaa Saul ne ne ba Yonatan+ ho kwadwom+ yi, 18 na ɔkaa sɛ wɔnkyerɛ Yudafoɔ+ “Bɛmma”+ ho kwadwom yi. Hwɛ! wɔatwerɛ no Yasar+ nwoma no mu:
Mommmɔ no dawuro wɔ Askelon+ mmɔnten so,
Na Filistifoɔ mma mmaa ani annye,
Na momonotofoɔ mma mmaa anni ahurisie.+
21 Mo, Gilboa mmepɔ,+ mma bosuo anaa nsuo nntɔ nngu mo so, na mma ayɛyɛdeɛ kronkron+ mmfifi mo nsase so,
Ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔguu ahoɔdenfoɔ kyɛm ho fĩ,
Saul kyɛm no, na wɔannya bi a wɔasra ho ngo.+
22 Atɔfoɔ mogya ne ahoɔdenfoɔ sradeɛ,
Yonatan agyan amfiri ho,+
Na Saul nso nkrantɛ amfiri ho amma kwa.+
23 Saul ne Yonatan,+ nnipa a wɔn ho yɛ ahomeka a wɔdɔ wɔn, wɔn nkwa nna mu,
Owuo mu nso, wɔn mu antete.+
Wɔn ho yɛ hare sene akɔdeɛ,+
Wɔn ahoɔden kyɛn agyata.+
24 O Israel mma mmaa, monsu Saul,
Na ɔno na ɔde tankɔkɔɔ fɛfɛ firaa mo,
Na ɔde sika agudeɛ guu mo ntadeɛ soɔ.+