4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ deɛ ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Twe wo nkrantɛ+ fa hwire me mu na momonotofoɔ+ yi ammɛhwire me mu anyɛ me aninyanneɛ.” Nanso n’akodeɛkurafoɔ no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka no. Enti Saul faa nkrantɛ no na ɔhwee so.+
44 Mofiri mo agya Ɔbonsam hɔ,+ na mopɛ sɛ moyɛ mo agya no apɛdeɛ.+ Ɔno na ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ,+ na wannyina nokorɛ no mu, ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne suban, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.+