Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Nehilot so. Dawid dwom.
5 O Yehowa, yɛ aso+ ma me nsɛm;
Te me aseɛ, m’apinisie mu.
2 Tie me sufrɛ,+
O me Hene+ ne me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.+
3 O Yehowa, anɔpa wobɛte me nne;+
Mɛka m’asɛm akyerɛ wo anɔpa na matwɛn.+
4 Woyɛ Onyankopɔn a wompɛ amumuyɔ;+
Ɔdebɔneyɛfoɔ biara ne wo rentena+ da biara da.
5 Ɔhohoahoafoɔ biara rennyina w’anim;+
Wotan amumuyɔfoɔ nyinaa;+
6 Wobɛsɛe wɔn a wɔka atosɛm.+
Yehowa kyiri mogyahwiegufoɔ+ ne ɔdaadaafoɔ.+
7 Me deɛ, w’adɔeɛ+ dodoɔ mu
Na mɛba wo fie,+
Na wo suro mu na mɛkoto de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no.+
8 O Yehowa, kyerɛ me kwan wo tenenee mu,+ ɛfiri sɛ atamfo atwa me ho ahyia;+
Ma wo kwan so nna hɔ m’anim.+
9 Nokorɛ biara nni wɔn anom;+
Bɔne nko ara na ɛwɔ wɔn mu.+
Wɔn mene yɛ damena a ano abue;+
Wɔde wɔn kɛtrɛma dɛfɛdɛfɛ.+
10 Onyankopɔn bɛbu wɔn fɔ;+
Wɔn ara wɔn pɔ bɔne mu na wɔbɛhweɛ.+
Wɔn mmarato bebrebe mu na ma wɔnhweteɛ,+
Ɛfiri sɛ wɔate wo so atua.+
11 Na wɔn a wɔdwane toa woɔ no deɛ, wɔn nyinaa bɛdi ahurisie;+
Wɔbɛto ahurisi dwom daa.+
Wobɛbɔ wɔn ho ban ahyia,
Na wɔn a wɔdɔ wo din bɛdi wo mu ahurisie.+
12 O Yehowa, wo na wobɛhyira obiara a ɔyɛ adetenenee;+
Wode anisɔ bɛgye ne ho ban ahyia+ sɛ kyɛm+ kɛseɛ.