Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Nehilot so. Dawid dwom.
5 O Yehowa, yɛ aso ma me;+
Tie m’apinisie.
2 Tie me sufrɛ,
O me Hene ne me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.
3 O Yehowa, anɔpa wobɛte me nne;+
Mede m’ahiasɛm bɛto w’anim+ anɔpa biara na matwɛn wo.
4 Woyɛ Onyankopɔn a w’ani nnye bɔne ho;+
Ɔbɔnefoɔ biara rentumi ne wo ntena.+
5 Obiara a ɔyɛ ahantan rennyina w’anim;
Wotan amumuyɛfoɔ nyinaa;+
6 Wobɛsɛe nkontompofoɔ.+
Yehowa kyiri wɔn a wɔpɛ awudisɛm ne nnaadaa.+
7 Me deɛ, wo dɔ a ɛnni hwammɔ+ nti mɛba wo fie;+
Obuo kɛseɛ a mewɔ ma wo nti, mɛkoto de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no.+
8 O Yehowa, m’atamfo nti, fa wo tenenee kyerɛ me kwan;
Ma wo kwan so nna hɔ mma me.+
9 Nokorɛ biara nni wɔn anom;
Bɔne nko ara na ɛwɔ wɔn mu.
Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue;
Wɔde wɔn kɛtrɛma dɛfɛdɛfɛ nkurɔfoɔ.+
10 Nanso Onyankopɔn bɛbu wɔn fɔ;
Wɔn ankasa pɔ bɔne na ɛbɛyi wɔn ahwe fam.+
Wɔn mmarato bebrebe nti pamo wɔn,
Ɛfiri sɛ wɔate atua atia wo.
11 Wɔn a wɔde wo yɛ dwankɔbea no deɛ, wɔn nyinaa bɛdi ahurisie;+
Wɔbɛbɔ ose daa.
Wobɛbɔ wɔn ho ban ahyia,
Na wɔn a wɔdɔ wo din bɛdi wo mu ahurisie.
12 O Yehowa, wobɛhyira obiara a ɔyɛ adetenenee;
W’ani bɛgye ne ho na woabɔ ne ho ban sɛdeɛ ɛkyɛm+ kɛseɛ bɔ obi ho ban.