1 Samuel
31 Ná Filistifoɔ ne Israelfoɔ reko,+ na Israel mmarima dwane firii Filistifoɔ no anim, na wɔtotɔɔ+ Bepɔ Gilboa+ so. 2 Filistifoɔ no bɔ puaa Saul ne ne mma no, na Filistifoɔ no nyaa Saul mma, Yonatan+ ne Abinadab+ ne Malki-Sua+ kum wɔn. 3 Ɛko no mu yɛɛ den maa Saul; ɛduruu baabi no, agyantofoɔ no, mmarima a wɔkura tadua no, nyaa no, na agyantofoɔ no piraa no pira bɔne.+ 4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ deɛ ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Twe wo nkrantɛ+ fa hwire me mu na momonotofoɔ+ yi ammɛhwire me mu anyɛ me aninyanneɛ.” Nanso n’akodeɛkurafoɔ no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka no. Enti Saul faa nkrantɛ no na ɔhwee so.+ 5 Berɛ a n’akodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ Saul awuo+ no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so ne no wuiɛ.+ 6 Saa na ɛyɛeɛ a Saul ne ne mma mmiɛnsa ne n’akodeɛkurafoɔ ne ne mmarima nyinaa wuwuu saa da no.+ 7 Berɛ a Israel mmarima a wɔwɔ asasetamaa no so ne Yordan mpɔtamu hɔ hunuu sɛ Israel asraafoɔ no adwane, na Saul ne ne mma nso awuwuo no, wɔdwane firii wɔn nkuro no mu;+ ɛnna Filistifoɔ no ba bɛtenatenaa hɔ.+
8 Ɛbaa sɛ, adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛyiyi awufoɔ+ no ho nneɛma, na wɔkɔpuee Saul ne ne mma mmiɛnsa no so sɛ wɔawuwu gu Bepɔ Gilboa+ so. 9 Ɛnna wɔtwaa ne ti,+ faa n’akodeɛ, na wɔkɔɔ Filistifoɔ asase so baabiara kɔbɔɔ wɔn abosom+ ne ɔmanfoɔ no amanneɛ.+ 10 Afei wɔde n’akodeɛ+ no kɔguu Astoret+ ahoni fie, na wɔde n’amu kɔsɛnee Bet-San+ ɔfasuo ho. 11 Na nnipa a wɔwɔ Yebes-Gilead+ no tee deɛ Filistifoɔ de ayɛ Saul. 12 Ntɛm ara na mmarima akokoɔdurofoɔ no nyinaa sɔre nantee anadwo no nyinaa kɔɔ hɔ, na wɔkɔyii Saul amu ne ne mma no nso amu firii Bet-San fasuo no ho, na wɔbaa Yebes bɛhyee no hɔ.+ 13 Na wɔfaa wɔn nnompe+ kɔsiee+ no tamarisk+ dua a ɛwɔ Yebes no ase, na wɔdii mmuada nnanson.+