1 Samuel 11:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɛbaa sɛ Ammonni+ Nahas baeɛ bɛkyeree Yebes+ a ɛwɔ Gilead no so nsraban. Ɛnna Yebes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: “Ɛne yɛn nyɛ apam na yɛnsom wo.”+ 2 Samuel 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɛnna Yuda+ mmarima baa hɔ bɛsraa+ Dawid ngo sii no Yuda fie so hene.+ Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfoɔ na wɔsiee Saul.” 2 Samuel 21:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Enti Dawid kɔgyee Saul nnompe+ ne ne ba Yonatan nnompe firii Yebes-Gileadfoɔ+ hɔ; wɔn na wɔkɔwiaa wɔn firii Bet-San+ abɔnten so, baabi a Filistifoɔ de wɔn kɔsɛneeɛ,+ da a Filistifoɔ no kum Saul wɔ Gilboa+ no. 1 Berɛsosɛm 10:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Akyire yi, nnipa a wɔwɔ Yebes+ a ɛwɔ Gilead nyinaa tee deɛ Filistifoɔ de ayɛ Saul.+
11 Ɛbaa sɛ Ammonni+ Nahas baeɛ bɛkyeree Yebes+ a ɛwɔ Gilead no so nsraban. Ɛnna Yebes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: “Ɛne yɛn nyɛ apam na yɛnsom wo.”+
4 Ɛnna Yuda+ mmarima baa hɔ bɛsraa+ Dawid ngo sii no Yuda fie so hene.+ Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfoɔ na wɔsiee Saul.”
12 Enti Dawid kɔgyee Saul nnompe+ ne ne ba Yonatan nnompe firii Yebes-Gileadfoɔ+ hɔ; wɔn na wɔkɔwiaa wɔn firii Bet-San+ abɔnten so, baabi a Filistifoɔ de wɔn kɔsɛneeɛ,+ da a Filistifoɔ no kum Saul wɔ Gilboa+ no.