2 Samuel
2 Ɛbaa sɛ yei akyi no, Dawid bisaa Yehowa+ sɛ: “Memforo nkɔ Yuda nkuro no bi mu anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Foro kɔ.” Na Dawid san bisaa sɛ: “Ɛhe na memforo nkorɔ?” Na ɔkaa sɛ: “Kɔ Hebron.”+ 2 Ɛnna Dawid foro kɔeɛ, ɔne ne yerenom mmienu no, Yesreelni Ahinoam+ ne Abigail,+ Karmelni Nabal yere no. 3 Na Dawid de mmarima+ a wɔka ne ho no nso kɔeɛ, obiara ne n’abusua, na wɔkɔtenatenaa Hebron nkuro mu. 4 Ɛnna Yuda+ mmarima baa hɔ bɛsraa+ Dawid ngo sii no Yuda fie so hene.+
Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfoɔ na wɔsiee Saul.” 5 Enti Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Yebes-Gileadfoɔ+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhyira mo+ sɛ moayɛ mo wura Saul adɔeɛ+ sei, na moasie no.+ 6 Na afei Yehowa ne mo nni no adɔeɛ+ ne nokorɛdie so, na me nso me ne mo bɛdi no papayɛ mu, sɛ́ moayɛ yei nti.+ 7 Enti monhyɛ mo nsam den na monnya akokoɔduro,+ ɛfiri sɛ mo wura Saul awu, na me na Yuda fie asra me ngo de me asi wɔn so hene.”+
8 Afei Saul asraafoɔ no sahene, Ner ba Abner,+ faa Saul ba Is-Boset,+ na ɔde no twa kɔɔ Mahanaim,+ 9 na ɔsii no hene wɔ Gilead+ ne Asurifoɔ ne Yesreel+ ne Efraim+ ne Benyamin+ ne Israel nyinaa so. 10 Saul ba Is-Boset bɛdii Israel so hene no, na wadi mfeɛ aduanan, na ɔdii hene mfeɛ mmienu. Yuda fie+ nko na wɔdii Dawid akyi. 11 Nna dodoɔ a Dawid de dii Yuda fie so hene wɔ Hebron no yɛ mfeɛ nson ne abosome nsia.+
12 Akyire yi, Ner ba Abner ne Saul ba Is-Boset nkoa firii Mahanaim+ kɔɔ Gibeon.+ 13 Na Seruia+ ba Yoab+ ne Dawid nkoa nso firii adi, na akyire yi wɔn nyinaa kɔhyiaa Gibeon tadeɛ no ho; wɔtenatenaa ase, yeinom wɔ tadeɛ no fã ha, na yeinom nso wɔ tadeɛ no fã ha. 14 Afei Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Yɛmma mmeranteɛ no nsɔre ɛ, na wɔmfa nsi ani mma yɛnhwɛ.” Ɛnna Yoab kaa sɛ: “Wɔnsɔre ɛ.” 15 Enti wɔsɔre kan wɔn ho, na wɔkɔhyiaeɛ; Benyamin ne Saul ba Is-Boset+ nkurɔfoɔ yɛ dumienu, na Dawid asomfoɔ nso yɛ dumienu. 16 Sɛ oyi sɔ ne yɔnko ti a, na ɔde ne nkrantɛ awɔ ne mfem, na wɔn nyinaa atotɔ prɛko. Na wɔbɛfrɛɛ hɔ Helkat-Hasurim a ɛwɔ Gibeon.+
17 Na ntɔkwa no mu yɛɛ den yie saa da no, na Abner+ ne Israel mmarima dii nkoguo wɔ Dawid nkoa no anim. 18 Saa berɛ no, na Seruia+ mma mmarima mmiɛnsa no, Yoab+ ne Abisai+ ne Asahel+ wɔ hɔ; ná Asahel nan ase yɛ hare sɛ adowa+ a ɔwɔ wuram. 19 Na Asahel tu sãã Abner, na wampɛ sɛ ɔmane firi Abner akyi kɔ nifa anaa benkum. 20 Ɛnna Abner twaa n’ani hwɛɛ n’akyi kaa sɛ: “Ɛyɛ wo Asahel anaa?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me a.” 21 Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa w’ani kyerɛ nifa anaa benkum kɔkye mmeranteɛ no baako na yi+ deɛ wobɛnya wɔ ne ho biara fa.” Nanso Asahel ampɛ sɛ ɔgyae n’akyiridie. 22 Ɛnna Abner san ka kyerɛɛ Asahel sɛ: “San firi m’akyi kɔ. Adɛn nti na woreyɛ ama mabɔ wo ahwe fam yi?+ Anka mɛyɛ dɛn apagya m’ani ahwɛ wo nua Yoab?” 23 Nanso wampɛ sɛ ɔsan. Enti Abner de ne pea no ti wɔɔ ne yam+ maa pea no puee n’akyi, na ɔhwee fam wuu hɔ ara. Na ɛbaa sɛ obiara duru baabi a Asahel hwee fam wuiɛ no a, na wagyina hɔ.+
24 Ɛnna Yoab ne Abisai tĩĩ Abner. Awia rekɔtɔ no, wɔbɛduruu Amma kokoɔ a ɛda Gia anim, Gibeon+ serɛ so kwan soɔ no so. 25 Na Benyaminfoɔ no boaboaa wɔn ho ano gyinaa Abner akyi, na wɔyɛɛ kuo baako kɔgyinaa kokoɔ bi atifi. 26 Ɛnna Abner frɛɛ Yoab kaa sɛ: “Enti nkrantɛ bɛdi nam+ daa? Wonnim sɛ awerɛhoɔ na ɛde bɛba?+ Ɛnneɛ da bɛn na wobɛka akyerɛ nnipa no sɛ wɔnsan mfiri wɔn nuanom akyi?”+ 27 Ɛnna Yoab kaa sɛ: “Sɛ́ nokorɛ Nyankopɔn te aseɛ yi,+ sɛ woankasa+ a, anka gye anɔpa na nnipa no bɛsan, ama obiara agyae ne nua akyiridie.” 28 Enti Yoab hyɛnee abɛn+ no, na nkurɔfoɔ no nyinaa gyinaeɛ, na wɔantĩ Israel bio, na wɔanko bio.
29 Abner ne ne mmarima nso siim kɔfaa Araba+ anadwo no nyinaa, na wɔkɔtwaa Yordan,+ na wɔnante faa bɔn no mu nyinaa kɔpuee Mahanaim.+ 30 Yoab deɛ, ɔsan firii Abner akyi, na ɔboaboaa nnipa no nyinaa ano. Ná wɔahwere Dawid nkoa no mu nnipa dunkron ne Asahel. 31 Dawid nkoa no kunkum Benyaminfoɔ ne Abner nkurɔfoɔ no; mmarima ahasa aduosia na wɔwuwuiɛ.+ 32 Na wɔfaa Asahel+ kɔsiee no ne papa asieeɛ+ wɔ Betlehem.+ Ɛnna Yoab ne ne mmarima no nantee anadwo no nyinaa, na adeɛ kyee wɔn Hebron.+