Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
2 Ɛno akyi no, Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Yuda nkuro no bi mu anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛtumi akɔ.” Ɛnna Dawid san bisaa sɛ: “Ɛhe na menkɔ?” Na ɔkaa sɛ: “Kɔ Hebron.”+ 2 Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom mmienu no, Yesreelni Ahinoam+ ne Abigail+ a berɛ bi na ɔware Karmelni Nabal no. 3 Dawid de mmarima a wɔka ne ho+ no nso kɔe, obiara ne n’abusua, na wɔkɔtenatenaa Hebron nkuro mu. 4 Ɛnna Yuda mmarima baa hɔ, na wɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda fie so.+
Nkurɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfoɔ na wɔsiee Saul.” 5 Enti Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Yebes-Gilead mmarima nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhyira mo sɛ moada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ mo wura Saul, na moasie no.+ 6 Na afei ma Yehowa nna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi nkyerɛ mo na ɔnni mo nokorɛ. Deɛ moayɛ yi nti, me nso mɛda ayamyɛ adi akyerɛ mo.+ 7 Afei monhyɛ mo nsam den na monnya akokoɔduro, ɛfiri sɛ mo wura Saul awu, na Yuda fie asra me de me asi wɔn so hene.”
8 Nanso saa berɛ no, na Ner ba Abner+ a ɔyɛ Saul asraafoɔ no so sahene no afa Saul ba Is-Boset+ de no atwa asubɔnten no kɔ Mahanaim,+ 9 na na wasi no hene wɔ Gileadfoɔ,+ Asurifoɔ, Yesreelfoɔ,+ Efraimfoɔ,+ Benyaminfoɔ, ne Israelfoɔ nyinaa so. 10 Berɛ a Saul ba Is-Boset bɛdii Israel so hene no, na wadi mfeɛ 40, na ɔdii hene mfeɛ mmienu. Yuda fie deɛ, na wɔwɔ Dawid afã.+ 11 Mfeɛ* a Dawid de dii Yuda fie so hene wɔ Hebron no yɛ mfeɛ nson ne abosome nsia.+
12 Akyire yi, Ner ba Abner ne Saul ba Is-Boset nkoa firii Mahanaim+ kɔɔ Gibeon.+ 13 Na Seruia+ ba Yoab+ ne Dawid nkoa nso firii adi, na wɔkɔhyiaa wɔ Gibeon tadeɛ no ho; wɔtenatenaa ase, weinom wɔ tadeɛ no fã ha, na weinom nso wɔ tadeɛ no fã ha. 14 Afei Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Yɛmma mmeranteɛ no nsɔre na wɔmfa nsi ani* mma yɛnhwɛ.” Ɛnna Yoab kaa sɛ: “Ma wɔnsɔre ɛ.” 15 Enti obiara kan ne nnipa na wɔbɛgyinaa anim; Benyamin ne Saul ba Is-Boset nkurɔfoɔ yɛ 12, na Dawid asomfoɔ nso yɛ 12. 16 Sɛ obiara sɔ ne yɔnko ti a, na ɔde ne sekan awɔ ne mfem, na wɔn nyinaa abom awu. Enti wɔfrɛɛ hɔ Helkat-Hasurim a ɛwɔ Gibeon.
17 Wei akyi no, ntɔkwa a ɛkɔɔ so saa da no mu yɛɛ den paa. Abner ne Israel mmarima dii nkoguo wɔ Dawid nkoa no anim. 18 Saa berɛ no, na Seruia mma mmarima mmiɛnsa no+ wɔ hɔ, Yoab,+ Abisai,+ ne Asahel;+ ná Asahel nan ase yɛ hare sɛ adowa a ɔwɔ wuram. 19 Asahel tuu mmirika dii Abner akyi, na wampɛ sɛ ɔmane kɔ Abner nifa anaa ne benkum. 20 Berɛ a Abner twaa n’ani hwɛɛ n’akyi no, ɔbisaa sɛ: “Ɛyɛ wo Asahel anaa?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me.” 21 Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa w’ani kyerɛ nifa anaa benkum kɔkye mmeranteɛ no baako, na deɛ wobɛnya wɔ ne ho biara fa.” Nanso Asahel annyaa n’akyiri die. 22 Enti Abner san ka kyerɛɛ Asahel sɛ: “Gyaa m’akyiri die, anyɛ saa a mɛku wo. Ɛba saa a, mɛyɛ dɛn atumi ahwɛ wo nua Yoab anim?” 23 Nanso wansan. Enti Abner de ne pea no to wɔɔ ne yam+ maa pea no puee n’akyi, na ɔhwee fam wuu amonom hɔ ara. Obiara duru faako a Asahel hwee fam wuiɛ no a, na wagyina hɔ.
24 Ɛnna Yoab ne Abisai sɔɔ mmirika mu dii Abner akyi. Berɛ a awia rekɔtɔ no, wɔbɛduruu Amma bepɔ so. Sɛ obi rekɔ Gibeon serɛ so a, ɛne Gia di nhwɛanimu. 25 Na Benyaminfoɔ no boaboaa wɔn ho ano sɛ kuo baako kɔgyinaa Abner akyi wɔ kokoɔ bi so. 26 Ɛnna Abner teaam ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Enti sekan bɛdi nam akɔsi da bɛn? Wonnim sɛ awerɛhoɔ na ɛde bɛba? Ɛnneɛ da bɛn na wobɛka akyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ wɔnnyaa wɔn nuanom akyiri die?” 27 Ɛnna Yoab kaa sɛ: “Sɛ́ nokorɛ Nyankopɔn no te ase yi, sɛ woankasa mu a, anka gye sɛ anɔpa na obiara bɛgyaa ne nua akyiri die.” 28 Afei Yoab bɔɔ abɛn, na ne mmarima no gyaa Israelfoɔ no akyiri die, na ɛko no baa awieeɛ.
29 Abner ne ne mmarima nso siim kɔfaa Araba+ anadwo no nyinaa, na wɔkɔtwaa Yordan, na wɔnante faa bɔn no mu* kɔpuee Mahanaim.+ 30 Berɛ a Yoab gyaa Abner akyiri die no, ɔboaboaa nnipa no nyinaa ano. Wɔhuu sɛ woyi Asahel firi mu a, na wɔahwere Dawid nkoa no mu nnipa 19. 31 Nanso na Dawid nkoa no adi Benyaminfoɔ ne Abner mmarima no so nkonim; wɔkunkum wɔn mmarima no mu 360. 32 Wɔfaa Asahel+ kɔsiee no wɔ ne papa asieeɛ wɔ Betlehem.+ Ɛnna Yoab ne ne mmarima no nantee anadwo no nyinaa, na wɔkɔduruu Hebron+ anɔpatutuutu.