Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
3 Ntɔkwa a ɛbɛdaa Saul fie ne Dawid fie ntam no kyɛeɛ; Dawid kɔɔ so nyaa ahoɔden,+ na nkakrankakra Saul fie ahoɔden kɔɔ fam.+
2 Dawid woo mma mmarima wɔ Hebron.+ N’abakan ne Amnon+ a ɔne Yesreelni Ahinoam+ woo no no. 3 Abigail+ a berɛ bi na ɔware Karmelni Nabal no ba Kileab na ɔtɔ so mmienu. Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom+ a ɔyɛ Gesur hene Talmai+ babaa Maaka ba no. 4 Deɛ ɔtɔ so nnan ne Hagit ba Adoniya,+ na deɛ ɔtɔ so nnum ne Abital ba Sefatia. 5 Deɛ ɔtɔ so nsia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Weinom na Dawid woo wɔn wɔ Hebron.
6 Berɛ a Saul fie ne Dawid fie ntam ntɔkwa no rekɔ so nyinaa, na Abner+ refa kwan bi so ama ne diberɛ ayɛ kɛseɛ wɔ Saul fie. 7 Ná Saul wɔ mpena* bi a ne din de Rispa+ a ɔyɛ Aiya babaa. Akyire yi, Is-Boset+ bisaa Abner sɛ: “Adɛn nti na wo ne me papa mpena no daeɛ?”+ 8 Asɛm a Is-Boset kaeɛ no nti Abner bo fuu dendeenden, na ɔkaa sɛ: “Meyɛ kraman ti a ɛfiri Yuda abusua mu anaa? Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ na mede adɔ wo papa Saul fie, ne nuanom, ne ne nnamfo abɛsi nnɛ, na memfaa wo nhyɛɛ Dawid nsa, nanso ɛnnɛ worebɔ me soboɔ wɔ ɔbaa ho. 9 Sɛ manyɛ deɛ Yehowa kaa ntam kyerɛɛ Dawid no+ amma Dawid a, Onyankopɔn ntua Abner ka na ɔmfa bi nka ho. 10 Mɛma deɛ ɔkaeɛ no aba mu. Ɔkaa sɛ ɔbɛma ahennie no afiri Saul fie, na wama Dawid ahennwa atim wɔ Israel ne Yuda so firi Dan akɔsi Beer-Seba.”+ 11 Na wantumi ammue n’ano anka biribiara ankyerɛ Abner bio, ɛfiri sɛ na ɔsuro no.+
12 Ɛhɔ ara na Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Hwan na asaase no yɛ ne dea?” Ɔka kaa ho sɛ: “Wo ne me nyɛ apam, na mɛyɛ deɛ mɛtumi biara* ama Israel nyinaa aba w’afã.”+ 13 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Asɛmpa! Me ne wo bɛyɛ apam. Adeɛ baako pɛ na merebisa afiri wo hɔ. Ɛne sɛ, mma m’anim, gye sɛ wode Saul babaa Mikal+ abrɛ me ansa na woabɛhu me.” 14 Afei nso, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal ma me, me yere a mede adanseɛ bɛkyerɛɛ sɛ makum Filistifoɔ mmarima 100* ansa na wɔde no rema me awareɛ no.”+ 15 Enti Is-Boset soma maa wɔkɔfaa no firii ne kunu Paltiel+ a ɔyɛ Lais ba no nkyɛn baeɛ. 16 Berɛ a wɔde no reba no, ne kunu no nso dii n’akyi; ɔsu dii n’akyi ara kɔduruu Bahurim.+ Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “San w’akyi kɔ!” Na ɔsan kɔeɛ.
17 Saa berɛ no, na Abner de nkra akɔma Israel mpanimfoɔ sɛ: “Dadaada nyinaa, na mopɛ sɛ Dawid di mo so hene. 18 Enti afei monkeka mo ho, ɛfiri sɛ Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: ‘Menam m’akoa Dawid+ so na ɛbɛgye me man Israel afiri Filistifoɔ ne me man atamfo nyinaa nsam.’” 19 Ɛnna Abner ne Benyaminfoɔ+ nso kasaeɛ. Ɛno akyi no, Abner ankasa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron, na ɔkɔkaa agyina a Israel ne Benyamin fie nyinaa atu no kyerɛɛ no.
20 Berɛ a Abner ne mmarima 20 baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron no, Dawid too pono maa Abner ne mmarima a wɔka ne ho no. 21 Ɛnna Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma menkɔboaboa Israel nyinaa ano mmra me wura ɔhene nkyɛn na wɔne wo nyɛ apam, na woadi deɛ wopɛ* nyinaa so hene.” Enti Dawid gyaa Abner kwan maa no de asomdwoeɛ kɔeɛ.
22 Emu hɔ ara na Dawid nkoa ne Yoab bɛduruu hɔ. Saa berɛ no, na wɔakɔko de nneɛma pii aba. Ná Abner afiri Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔ, ɛfiri sɛ na Dawid agya no kwan ama no de asomdwoeɛ kɔ. 23 Berɛ a Yoab+ ne asraafoɔ a wɔka ne ho no nyinaa bɛduruiɛ no, nkurɔfoɔ bɛbɔɔ Yoab amanneɛ sɛ: “Ner+ ba Abner+ baa ɔhene nkyɛn, na wagya no kwan ama no de asomdwoeɛ kɔ.” 24 Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Enti Abner aba wo nkyɛn, ɛnna woagyaa no ama no afa ne ho adi? 25 Wo ara wonim Ner ba Abner! Ɔbaa sɛ ɔrebɛdaadaa wo na wahu anammɔn a woretu ne biribiara a woreyɛ.”
26 Ɛnna Yoab firii Dawid nkyɛn, na ɔtuu abɔfoɔ sɛ wɔnti Abner nkɔfrɛ no mmra, na wɔne no firii Sira abura no ho san baeɛ, nanso na Dawid nnim ho hwee. 27 Berɛ a Abner san baa Hebron no,+ Yoab de no kɔɔ kuro pono no ano sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no wɔ kokoam. Nanso ɔde pea wɔɔ ne yam wɔ hɔ maa no wuiɛ.+ Ne nua Asahel a ɔkuu no* nti na ɔyɛɛ saa.+ 28 Akyire yi a Dawid teeɛ no, ɔkaa sɛ: “Me ne m’ahennie nni Ner ba Abner mogya ho fɔ+ wɔ Yehowa anim da. 29 Ma no nsan mmɛgu Yoab ne ne papa fie nyinaa tiri so.+ Mma ɔbarima a ɔyare,*+ kwatani,+ ɔbarima a ɔto asaawa,* onipa a ɔbɛwu wɔ sekan ano anaa deɛ aduane abɔ no+ mmpa Yoab fie da!” 30 Deɛ enti a Yoab ne ne nua Abisai+ kuu Abner+ ne sɛ, ɔkum wɔn nua Asahel wɔ Gibeon ko no mu.+
31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: “Monsunsuan mo ntaadeɛ mu, na momfira awerɛhoɔ ntoma* na monsu Abner.” Ɔhene Dawid nso dii funu no akyi. 32 Wɔsiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene maa ne nne so suu wɔ Abner asieeɛ hɔ, na ɔman no nyinaa nso suiɛ. 33 Ɛnna ɔhene twaa Abner ho awerɛhoɔ dwom sɛ:
“Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Abner wu owuo a nteaseɛ nnim?
Wɔkuu wo sɛ obi a nnipabɔnefoɔ* nsa aka no.”+
Ɛnna ɔman no nyinaa suu no bio.
35 Akyire yi, ɔman no nyinaa brɛɛ Dawid aduane sɛ wɔde rebɛkyekye ne werɛ* saa da no, nanso Dawid kaa ntam sɛ: “Sɛ medidi anaa mede biribi ka m’ano ansa na awia akɔtɔ a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔmfa bi nka ho!”+ 36 Ɔman no nyinaa hunuiɛ, na wɔn ani gyee ho. Wei ne biribi foforɔ biara a ɔhene yɛeɛ no, ɔman no nyinaa ani gyee ho. 37 Enti saa da no, Dawid nkurɔfoɔ nyinaa ne Israel nyinaa huu sɛ ɛnyɛ ɔhene na ɔmaa wɔkum Ner ba Abner.+ 38 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monnim sɛ ɛnnɛ okunini ne ɔkatakyie na wawu wɔ Israel yi?+ 39 Ɛnnɛ wɔasra me asi me hene,+ nanso menni tumi a mede bɛyɛ biribi atia Seruia mma yi;+ wɔn ani yɛ den dodo.+ Yehowa ntua ɔbɔnefoɔ ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.”+