2 Samuel
3 Na akodie a ɛbɛdaa Saul fie ne Dawid fie ntam no kyɛree;+ Dawid kɔɔ so yɛɛ den,+ na Saul fie deɛ, ɛbrɛɛ ase da biara.+
2 Saa berɛ no, wɔwoo mma+ maa Dawid wɔ Hebron;+ n’abakan ne Amnon+ a ɔne Yesreelni Ahinoam+ woo no no. 3 Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab+ a ɔne Karmelni Nabal yere Abigail+ woo no no, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom,+ Gesur hene Talmai+ babaa Maaka ba no. 4 Deɛ ɔtɔ so nnan ne Hagit+ ba Adoniya,+ na deɛ ɔtɔ so nnum ne Abital ba Sefatia.+ 5 Deɛ ɔtɔ so nsia ne Dawid yere Egla ba Yitream.+ Yeinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.
6 Berɛ a Saul fie ne Dawid fie ntam akodie no rekɔ soɔ no nyinaa, na Abner+ rehyɛ ne dibea den wɔ Saul fie. 7 Ná Saul wɔ yefam bi a ne din de Rispa+ a ɔyɛ Aiya+ babaa. Akyire yi, Is-Boset+ ka kyerɛɛ Abner sɛ: “Adɛn nti na wokɔɔ me papa yefam+ no ho?” 8 Ɛnna asɛm a Is-Boset kaeɛ no nti Abner bo fuu+ dendeenden, na ɔkaa sɛ: “Meyɛ kraman+ ti wɔ Yuda? Mayɛ wo papa Saul fie ne ne nuanom ne ne nnamfo paa adɔeɛ abɛsi nnɛ, na menyii wo nhyɛɛ Dawid nsa, nanso nnɛ worebu me atɛn bɔne a meyɛɛ no ɔbaa ho nti. 9 Sɛdeɛ Yehowa kaa ntam kyerɛɛ Dawid+ no, sɛ manyɛ saa amma no a, Onyankopɔn ntua Abner ka na ɔmfa bi nka ho,+ 10 sɛ́ wɔbɛma ahennie no afiri Saul fie, na wɔde Dawid ahennwa asi Israel ne Yuda so, afiri Dan akɔsi Beer-Seba.”+ 11 Na wantumi amfa asɛm biara ammua Abner bio ɛfiri sɛ na ɔsuro no.+
12 Ɛhɔ ara na Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa sɛ: “Hwan na asase no yɛ ne dea?” Na ɔde kaa ho sɛ: “Ɛne me nyɛ apam, na hwɛ, mɛboa wo adane Israel nyinaa aba wo nkyɛn.”+ 13 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ! Me ne wo bɛyɛ apam. Adeɛ baako pɛ na merebisa afiri wo hɔ, ɛne sɛ, ‘Mma m’anim,+ gye sɛ wode Saul babaa Mikal+ abrɛ me ansa na woabɛhunu m’anim.’” 14 Bio nso Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ɔha dua ano wedeɛ+ gyee no awareɛ no ma me.” 15 Enti Is-Boset soma maa wɔkɔfaa no firii ne kunu Paltiel+ a ɔyɛ Lais ba no nkyɛn. 16 Ɔrekɔ no, ne kunu no nso dii n’akyi; ɔde su dii n’akyi ara kɔduruu Bahurim.+ Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “San w’akyi kɔ!” Ɛnna ɔsan kɔeɛ.
17 Ná Abner de nkra akɔma Israel mpanimfoɔ sɛ: “Ɛfiri tete+ na mopɛɛ sɛ Dawid di mo so hene. 18 Enti afei monkeka mo ho, na Yehowa no ara na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, ‘M’akoa Dawid+ nsa so na menam bɛgye me man Israel afiri Filistifoɔ ne wɔn atamfo nyinaa nsam.’” 19 Na Abner ne Benyaminfoɔ*+ nso kasaeɛ, na ɛno akyi no, Abner kɔkaa deɛ ɛyɛ wɔ Israel ani soɔ nyinaa ne deɛ ɛyɛ wɔ Benyamin fie nyinaa ani soɔ kyerɛɛ Dawid wɔ Hebron.
20 Berɛ a Abner ne mmarima aduonu baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron no, Dawid too pono+ maa Abner ne mmarima a wɔka ne ho no. 21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma mensɔre nkɔ na menkɔboaboa Israel nyinaa ano mmra me wura ɔhene nkyɛn na wɔne wo nyɛ apam, na woadi hene sɛdeɛ wo kra pɛ biara.”+ Enti Dawid gyaa Abner kwan maa no kɔɔ asomdwoeɛ mu.+
22 Ɛbaa sɛ na Dawid nkoa ne Yoab akɔfom nneɛma reba, na asadeɛ+ a wɔde reba no dɔɔso. Saa berɛ no, na Abner nni Dawid nkyɛn wɔ Hebron, ɛfiri sɛ na wagya no kwan ama no kɔ asomdwoeɛ mu. 23 Yoab+ ne dɔm a ɛka ne ho no nyinaa bɛduruiɛ, na nkurɔfoɔ bɛbɔɔ Yoab amanneɛ sɛ: “Ner+ ba Abner+ baa ɔhene nkyɛn, na wagya no kwan ama no kɔ asomdwoeɛ mu.” 24 Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi?+ Hwɛ! Abner baa wo nkyɛn. Adɛn nti na woagyaa no ama no kɔ saa yi? 25 Wo ara wonim Ner ba Abner; ɔbaa sɛ ɔrebɛdaadaa wo na wahunu wo nkorɔeɛ ne wo mmaeɛ+ mu, na wahunu biribiara a woreyɛ.”+
26 Yoab kaa saa no, ɔfirii adi firii Dawid nkyɛn, na ɔtuu abɔfoɔ maa wɔtĩĩ Abner, na wɔmaa no firii Sira abura no ho san baeɛ;+ ná Dawid nnim ho hwee. 27 Berɛ a Abner san baa Hebron+ no, Yoab de no kɔɔ nkyɛn, kuro pono no mu sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no kokoam.+ Nanso ɔde pea wɔɔ ne yam+ wɔ hɔ maa no wuiɛ, ne nua Asahel+ mogya nti. 28 Na akyire yi a Dawid teeɛ no, ntɛm ara na ɔkaa sɛ: “Me ne m’ahennie di Ner ba Abner mogya ho bem+ kɔsi daa wɔ Yehowa anim. 29 Ɛnsan mmɛgu Yoab, ne ne papa fie nyinaa atifi,+ na mma ɔbarima a ne ho sene+ anaa kwatani+ anaa ɔbarima a ɔkura akurokurowa+ anaa onipa a ɔtɔ nkrantɛ ano anaa deɛ aduane abɔ no+ mmpa Yoab fie!”+ 30 Yoab ne ne nua Abisai+ kum Abner+ ɛfiri sɛ ɔkum wɔn nua Asahel wɔ Gibeon ko no mu.+
31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: “Monsunsuane mo ntadeɛ mu,+ na momfira atweaatam+ na monsu nni Abner anim.” Ɔhene Dawid nso dii ahomankaa no akyi. 32 Na wɔsiee Abner wɔ Hebron; ɔhene maa ne nne so suu Abner wɔ asieeɛ hɔ, na ɔman no nyinaa nso suiɛ.+ 33 Na ɔhene twaa Abner ho kwadwom sɛ:
“Sɛdeɛ kwasea+ wuo na ɛsɛ sɛ Abner nso wuo anaa?
Na wɔamfa kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn+ angu wo nan.
Sɛdeɛ obi tɔ abɔnefoɔ mma+ anim na woatɔ yi.”
Na ɔman no nyinaa suu+ no bio.
35 Akyire yi, ɔman no nyinaa brɛɛ Dawid aduane+ sɛ wɔde rebɛkyekyere ne werɛ saa da no, nanso Dawid kaa ntam sɛ: “Sɛ medidi anaa mede biribi ka m’ano ansa na awia akɔtɔ+ a, Onyankopɔn ntua me ka+ na ɔmfa bi nka ho!” 36 Ɔman no nyinaa hunuiɛ, na ɛsɔɔ wɔn ani. Sɛ́ adeɛ biara a ɔhene yɛeɛ teɛ no, yei nso sɔɔ ɔman no nyinaa ani.+ 37 Na ɔman no nyinaa ne Israel nyinaa hunuu saa da no sɛ ɛnyɛ ɔhene na ɔmaa wɔkum Ner ba Abner.+ 38 Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monnim sɛ okunini ne onipa kɛseɛ na atɔ nnɛ wɔ Israel yi?+ 39 Wɔasra me+ asi me hene deɛ, nanso ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na saa mmarima yi, Seruia mma+ yi yɛ den ma me dodo.+ Deɛ ɔyɛ bɔne no, Yehowa ntua no ka sɛdeɛ ɔno ara ne bɔne teɛ.”+