27 Dawid sɔreeɛ, na ɔne ne mmarima no siim kɔkunkum+ Filistifoɔ mmarima ahanu, na Dawid de wɔn dua ano wedeɛ+ baeɛ, na wɔkan maa no soeɛ, na ɔde maa ɔhene, na ɔbɛyɛɛ ɔhene ase. Na Saul de ne babaa Mikal maa no awareɛ.+
11 Akyire yi, Saul somaa abɔfoɔ+ sɛ wɔnkɔwɛn Dawid fie na wɔnku no anɔpa,+ nanso Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woamma wo kra annwane anadwo yi a, ɔkyena wɔbɛku wo.”
29 Berɛ a wɔde Yehowa apam adaka+ no duruu Dawid Kuro mu no, Saul babaa Mikal+ hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu sɛ Dawid rehurihuri sa,+ na ɔbuu ɔhene animtia+ n’akomam.