11 Akyire yi, Saul somaa abɔfoɔ+ sɛ wɔnkɔwɛn Dawid fie na wɔnku no anɔpa,+ nanso Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woamma wo kra annwane anadwo yi a, ɔkyena wɔbɛku wo.”
13 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ! Me ne wo bɛyɛ apam. Adeɛ baako pɛ na merebisa afiri wo hɔ, ɛne sɛ, ‘Mma m’anim,+ gye sɛ wode Saul babaa Mikal+ abrɛ me ansa na woabɛhunu m’anim.’”
16 Berɛ a wɔde Yehowa adaka no duruu Dawid Kuro mu no, Saul babaa Mikal+ hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu sɛ Ɔhene Dawid rehurihuri, na ɔresa twa ne ho Yehowa anim, na ɔbuu ɔhene animtia+ n’akomam.+
29 Berɛ a wɔde Yehowa apam adaka+ no duruu Dawid Kuro mu no, Saul babaa Mikal+ hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu sɛ Dawid rehurihuri sa,+ na ɔbuu ɔhene animtia+ n’akomam.