2 Samuel
6 Ɛnna Dawid san boaboaa Israel mmarima akantinka nyinaa ano;+ wɔn dodoɔ si mpem aduasa. 2 Na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɔreeɛ, na wɔkɔɔ Baale-Yuda+ sɛ wɔrekɔfa asafo Yehowa,+ nokorɛ Nyankopɔn a ɔte kerubim soɔ+ no adaka+ a ne din+ da soɔ no afiri hɔ aba. 3 Nanso teaseɛnam foforɔ bi so+ na wɔde nokorɛ Nyankopɔn adaka no siiɛ, na wɔde firii Abinadab fie+ a ɛwɔ kokoɔ soɔ no; Abinadab mma Ussa ne Ahio+ dii teaseɛnam foforɔ no anim.
4 Enti wɔde firii Abinadab fie a ɛwɔ kokoɔ soɔ no—ɛne nokorɛ Nyankopɔn adaka no; Ahio na ɔdii Adaka no anim. 5 Na Dawid ne Israel fie nyinaa de nnwontoɔ nneɛma a wɔde popaw nnua ayɛ nyinaa bi ne asankuten ne asankuo+ ne mpintin+ ne nnɔnnɔmma ne nnawuta+ dii ahurisie Yehowa anim. 6 Wɔde nkakrankakra bɛduruu Nakon* ayuporobea hɔ, na ɛhɔ na Ussa+ tenee ne nsa kɔsɔɔ nokorɛ Nyankopɔn adaka no mu,+ ɛfiri sɛ ɛkaa kakraa bi sɛ anka anantwie no redane ahwe hɔ. 7 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuu+ Ussa, na nokorɛ Nyankopɔn bɔɔ no hwee fam+ sɛ ɔyɛɛ aniammɔnho saa, na ɔwuu nokorɛ Nyankopɔn adaka no ho.+ 8 Ɛnna Dawid bo fuu sɛ Yehowa abufuo adɛre atia Ussa. Na wɔbɛfrɛɛ hɔ Peres-Ussa de bɛsi nnɛ.+ 9 Na Dawid suroo Yehowa+ saa da no, na ɔkaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa adaka no aba me nkyɛn?”+ 10 Na Dawid ampɛ sɛ ɔde Yehowa adaka no ba ne nkyɛn wɔ Dawid Kuro+ mu. Enti Dawid maa wɔde mane kɔɔ Gatni+ Obed-Edom fie.+
11 Na Yehowa adaka no kaa Gatni Obed-Edom fie abosome mmiɛnsa, na Yehowa kɔɔ so hyiraa+ Obed-Edom ne ne fie nyinaa.+ 12 Akyire yi, wɔbɛbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn adaka no nti, Yehowa ahyira Obed-Edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa.” Ɛnna Dawid kɔfaa nokorɛ Nyankopɔn adaka no firii Obed-Edom fie ahurisie mu sɛ ɔde rekɔ Dawid Kuro mu.+ 13 Na ɛbaa sɛ berɛ a wɔn a wɔso+ Yehowa adaka no tuu anammɔn nsia no, ntɛm ara na ɔde nantwinini ne aboa a wadɔre bɔɔ afɔdeɛ.+
14 Saa berɛ no, na Dawid hyɛ nwera pa asɔfotadeɛ,+ na na Dawid de n’ahoɔden nyinaa resa wɔ Yehowa anim. 15 Na Dawid ne Israel fie nyinaa de osebɔ+ ne mmɛnhyɛn+ de Yehowa adaka+ no baeɛ. 16 Berɛ a wɔde Yehowa adaka no duruu Dawid Kuro mu no, Saul babaa Mikal+ hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu sɛ Ɔhene Dawid rehurihuri, na ɔresa twa ne ho Yehowa anim, na ɔbuu ɔhene animtia+ n’akomam.+ 17 Na wɔde Yehowa adaka no baeɛ, na wɔde bɛsii ne sibea wɔ ntomadan a Dawid si maa no no mu.+ Ɛnna Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ+ wɔ Yehowa anim. 18 Berɛ a Dawid wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɔhyiraa+ ɔman no asafo Yehowa din mu.+ 19 Bio nso ɔmaa+ ɔmanfoɔ no, Israel ɔman mũ no nyinaa, ɔbarima ne ɔbaa biara, paanoo a ɛte sɛ kawa baako ne nkyiresia taterɛ ne bobe taterɛ,+ na ɛno akyi no, ɔmanfoɔ no nyinaa kokɔɔ wɔn afie.
20 Ɛnna Dawid san kɔɔ sɛ ɔrekɔhyira ne fie,+ na Saul babaa Mikal+ firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Animuonyam bɛn ara na Israel hene ahyɛ ne ho nnɛ yi+ sɛ wapa ne ho ne nkoa mfenaa anim sɛdeɛ mmarima ahuhufoɔ no bi pa ne ho nyinaa no!”+ 21 Na Dawid buaa Mikal sɛ: “Yehowa a ɔfirii wo papa ne ne fie nyinaa akyi bɛyii me de me yɛɛ Yehowa man Israel so panin+ no anim na medii ahurisie, na mɛdi ahurisie bio Yehowa anim.+ 22 Mɛbrɛ me ho ase akyɛn saa koraa,+ na mɛyɛ m’ani so famfamni; mfenaa a wokaa wɔn ho asɛm no, wɔn ara wɔn anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.”+ 23 Enti Saul babaa Mikal+ deɛ, wanwo ba kɔsii ne wuda.