2 Samuel
5 Ɛnna Israel mmusuakuo no nyinaa baa Dawid nkyɛn+ wɔ Hebron+ bɛkaa sɛ: “Hwɛ, wo dompe ne wo honam+ ne yɛn. 2 Ɛfiri tete,+ berɛ a Saul di yɛn so hene no, wo na wodii Israel anim de wɔn kɔeɛ na wode wɔn baeɛ,+ na Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn+ me man Israel, na wo na wobɛdi Israel anim.’”+ 3 Enti Israel mpanimfoɔ+ nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn yɛɛ apam+ Yehowa anim wɔ Hebron, na wɔsraa+ Dawid de no sii Israel so hene.+
4 Dawid bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa, na ɔdii hene mfeɛ aduanan.+ 5 Ɔdii Yuda so hene mfeɛ nson ne abosome nsia+ wɔ Hebron, na ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa wɔ Yerusalem.+ 6 Ɛnna ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem sɛ wɔne Yebusifoɔ+ a wɔtete asase no soɔ no rekɔko, nanso wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Woremma ha; anifirafoɔ ne mpakye na wɔbɛpamo woɔ.”+ Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ: “Dawid remma ha.” 7 Ne nyinaa akyi no, Dawid kɔfaa Sion+ abandenden no, kyerɛ sɛ, Dawid Kuro+ no. 8 Ɛnna Dawid kaa no saa da no sɛ: “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Yebusifoɔ+ soɔ no, ma no mfa suka+ no mu nkɔ mpakye ne anifirafoɔ a wɔyɛ Dawid kra atamfo no so!” Ɛno nti na wɔka sɛ: “Onifirani ne apakye remma fie hɔ.” 9 Afei Dawid kɔtenaa abandenden no mu, na wɔbɛfrɛɛ hɔ Dawid Kuro. Na Dawid firii aseɛ sisii adan hyiaeɛ; ɔde firii Milo*+ ne ne mfimfini. 10 Na Dawid yɛɛ kɛseɛ ara,+ na asafo+ Nyankopɔn Yehowa dii n’akyi.+
11 Na Tiro hene Hiram+ somaa abɔfoɔ+ kɔɔ Dawid nkyɛn de tweneduro nnua+ ne dua adwumfoɔ ne abantofoɔ kaa ho kɔeɛ, na wɔfirii aseɛ sii fie maa Dawid.+ 12 Na Dawid hunuu sɛ Yehowa ama n’ahennie atim Israel so,+ na ne man Israel nti,+ wama+ n’ahennie so.
13 Berɛ a Dawid firi Hebron baeɛ no, ɔwarewaree ayefam+ ne yerenom+ bio wɔ Yerusalem, na wɔsan woo mma mmarima ne mma mmaa bebree maa Dawid. 14 Mma a wɔwoo wɔn maa no Yerusalem no din nie: Sammua,+ Sobab,+ Natan+ ne Solomon,+ 15 ne Ibhar, Elisua,+ Nefeg+ ne Yafia,+ 16 ne Elisama,+ Eliada ne Elifelet.+
17 Filistifoɔ no tee sɛ wɔasra Dawid asi no hene wɔ Israel so.+ Enti Filistifoɔ no nyinaa bɛhwehwɛɛ Dawid. Berɛ a Dawid teeɛ no, ɔkɔɔ bea a ɛhɔ korɔ yɛ den.+ 18 Na Filistifoɔ no baeɛ, na wɔbɛnantenantee Refaim asasetamaa+ no so. 19 Ɛnna Dawid bisaa+ Yehowa sɛ: “Menkɔ Filistifoɔ no so? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ, na mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa.”+ 20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim,+ na Dawid kunkum wɔn wɔ hɔ. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yehowa adi m’anim abu afa m’atamfo so+ sɛdeɛ nsuo bu fa nneɛma soɔ no.” Ɛno na ɛmaa ɔfrɛɛ hɔ Baal-Perasim.+ 21 Na wɔgyigyaa wɔn ahoni+ wɔ hɔ, na Dawid ne ne mmarima no sesa de kɔeɛ.+
22 Akyire yi, Filistifoɔ no baa bio,+ na wɔbɛnantenantee Refaim asasetamaa+ no so. 23 Ɛnna Dawid bisaa+ Yehowa, nanso ɔkaa sɛ: “Nkɔhyia wɔn. Kɔ na kɔfiri wɔn akyi bra, na to hyɛ wɔn so wɔ baka* nnua+ no anim. 24 Sɛ ɛba sɛ wote nnyegyeeɛ a ɛte sɛ nnipa nanteɛ wɔ baka nnua no so a, keka wo ho+ saa berɛ no, ɛfiri sɛ saa berɛ no ná Yehowa adi w’anim rekɔkunkum Filistifoɔ asraafoɔ no.”+ 25 Enti Dawid yɛɛ saa; ɔyɛɛ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ no no ara,+ na ɔkunkum+ Filistifoɔ no firi Geba*+ de kɔeɛ ara kɔsii Geser.+