Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
5 Akyire yi, Israel mmusuakuo nyinaa bɛhyiaa Dawid wɔ Hebron+ bɛkaa sɛ: “Hwɛ, yɛyɛ wo dompe ne wo honam.*+ 2 Ɛfiri tete a Saul di hene nyinaa, wo na na wodi Israel anim de wɔn kɔ ɛko;*+ ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wobɛdi Israel anim.’”+ 3 Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn yɛɛ apam+ Yehowa anim wɔ Hebron. Ɛnna wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.+
4 Dawid bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 30, na ɔdii adeɛ mfeɛ 40.+ 5 Ɔdii Yuda so hene mfeɛ 7 ne abosome 6 wɔ Hebron, na ɔdii Yuda ne Israel nyinaa so hene mfeɛ 33 wɔ Yerusalem.+ 6 Ɛnna ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem sɛ wɔne Yebusifoɔ+ a wɔtete asaase no so no rekɔko, nanso wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi mma ha da! Anifirafoɔ ne mpakye na wɔbɛpamo wo.” Adwene a wɔnyaeɛ ne sɛ: ‘Dawid remma ha.’+ 7 Nanso, Dawid ko faa Sion abandenden a seesei wɔfrɛ hɔ Dawid Kuro no.+ 8 Ɛnna Dawid kaa saa da no sɛ: “Wɔn a wɔbɛto ahyɛ Yebusifoɔ so no, ma wɔmfa suka no mu nkɔkunkum ‘mpakye ne anifirafoɔ’ a Dawid kyiri wɔn* no!” Ɛno nti na wɔka sɛ: “Nifirani ne apakye remma fie hɔ da” no. 9 Afei Dawid kɔtenaa abandenden no mu, na wɔfrɛɛ hɔ* Dawid Kuro. Na Dawid firii aseɛ sisii adan wɔ Esie no*+ so ne mmeaeɛ foforɔ wɔ kuro no mu.+ 10 Enti Dawid kɔɔ so yɛɛ den,+ na asafo Nyankopɔn Yehowa dii n’akyi.+
11 Tiro hene Hiram+ tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn, de sida nnua+ ne dua adwumfoɔ ne abantofoɔ kaa ho kɔeɛ, na wɔfirii aseɛ sii fie* maa Dawid.+ 12 Dawid bɛhuu sɛ Yehowa ama n’ahennie atim wɔ Israel so,+ na Onyankopɔn man Israel nti,+ wama n’ahennie so.+
13 Berɛ a Dawid firi Hebron baeɛ no, ɔsan faa mpenafoɔ,*+ na ɔwaree yerenom foforɔ wɔ Yerusalem, na Dawid san woo mma mmarima ne mma mmaa wɔ hɔ nso.+ 14 Ne mma a ɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no din nie: Sammua, Sobab, Natan,+ Solomon,+ 15 Ibhar, Elisua, Nefeg, Yafia, 16 Elisama, Eliada, ne Elifelet.
17 Berɛ a Filistifoɔ no tee sɛ wɔasra Dawid asi no hene wɔ Israel so no,+ wɔn nyinaa baa sɛ wɔne Dawid rebɛko.+ Dawid teeɛ no, ɔkɔɔ abandenden no mu.+ 18 Ɛnna Filistifoɔ no baeɛ, na wɔbɛnantenantee Refaim Bɔn no mu.*+ 19 Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa?” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ, na ɛkwan biara so mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa.”+ 20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na Dawid kɔkunkum wɔn wɔ hɔ. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yehowa adi m’anim abu afa m’atamfo so+ sɛdeɛ nsuo bu fa nneɛma so no.” Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Baal-Perasim*+ no. 21 Filistifoɔ no gyaa wɔn anyame hɔ kɔe, na Dawid ne ne mmarima no sesa kɔeɛ.
22 Akyire yi, Filistifoɔ no san bae, na wɔbɛnantenantee Refaim Bɔn no mu.*+ 23 Ɛnna Dawid bisaa Yehowa, nanso ɔkaa sɛ: “Nkɔhyia wɔn. Kɔ na kɔfiri wɔn akyi bra, na to hyɛ wɔn so wɔ baka* nnua no anim. 24 Ɛba sɛ wote nnyegyeeɛ a ɛte sɛ nnipadɔm nanteɛ wɔ baka nnua no so a, keka wo ho saa berɛ no, ɛfiri sɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ Yehowa adi w’anim rekɔkunkum Filistifoɔ asraafoɔ no.” 25 Enti Dawid yɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ, na ɔkunkum Filistifoɔ no+ firi Geba*+ de kɔe ara kɔsii Geser.+