Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
6 Dawid san boaboaa Israel mmarima a wɔnim ko paa no nyinaa ano; ná wɔyɛ 30,000. 2 Ɛnna Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa siim kɔɔ Baale-Yuda sɛ wɔrekɔfa nokorɛ Nyankopɔn a ɔte kerubim so*+ no Adaka no aba.+ Adaka no anim na nkurɔfoɔ bɔ asafo Yehowa din.+ 3 Nanso berɛ a wɔkɔfaa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no firii Abinadab fie+ a ɛwɔ kokoɔ so no, teaseɛnam foforɔ bi so na wɔde siiɛ,+ na Abinadab mma Ussa ne Ahio na wɔdii teaseɛnam foforɔ no anim.
4 Enti wɔde nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no firii Abinadab fie a ɛwɔ kokoɔ so no sii kwan so kɔe, na Ahio dii Adaka no anim. 5 Dawid ne Israel fie nyinaa de nnwontoɔ nneɛma nyinaa bi a wɔde papao nnua ayɛ dii ahurisie kɛse wɔ Yehowa anim; ebi ne asankuo,+ asankuten, mpintin,+ nnawuro,*+ ne nnwontoɔ nneɛma foforɔ a wɔwoso. 6 Nanso berɛ a wɔduruu Nakon* ayuporobea hɔ no, Ussa tenee ne nsa sɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no mu,+ ɛfiri sɛ anka anantwie no redane ahwe hɔ. 7 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuu Ussa, na nokorɛ Nyankopɔn no bɔɔ no hwee fam+ sɛ ɔyɛɛ aniammɔnho saa,+ na ɔwuu wɔ nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no ho. 8 Ɛnna Dawid bo fuu* sɛ Yehowa abufuo apae agu Ussa so. Wɔfrɛɛ hɔ Peres-Ussa,* na saa na wɔafrɛ hɔ de abɛsi nnɛ. 9 Ɛmaa Dawid suroo Yehowa+ saa da no, na ɔkaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa adaka no aba me nkyɛn?”+ 10 Enti Dawid amfa Yehowa Adaka no amma ne nkyɛn wɔ Dawid Kuro+ mu. Mmom ɔmaa wɔde kɔɔ Gatni Obed-Edom fie.+
11 Yehowa Adaka no kaa Gatni Obed-Edom fie abosome mmiɛnsa, na Yehowa kɔɔ so hyiraa Obed-Edom ne ne fie nyinaa.+ 12 Wɔbɛbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no nti, Yehowa ahyira Obed-Edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa.” Ɛnna Dawid de ahurisie kɔfaa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no firii Obed-Edom fie sɛ ɔde rekɔ Dawid Kuro mu.+ 13 Berɛ a wɔn a wɔso Yehowa Adaka no+ tuu anammɔn nsia no, ɔde nantwinini ne aboa a wadɔre sradeɛ bɔɔ afɔreɛ.
14 Saa berɛ no, na Dawid hyɛ nwera efɔd,* na na Dawid de n’ahoɔden nyinaa resa wɔ Yehowa anim.+ 15 Dawid ne Israel fie nyinaa bɔɔ ose+ na wɔhyɛn mmɛn+ de Yehowa Adaka no+ baeɛ. 16 Nanso berɛ a wɔde Yehowa Adaka no duruu Dawid Kuro mu no, Saul babaa Mikal+ hwɛɛ mpomma mu huu sɛ Ɔhene Dawid rehurihuri sa twa ne ho wɔ Yehowa anim, na ɔbuu ɔhene animtia wɔ n’akomam.+ 17 Enti wɔde Yehowa Adaka no baeɛ, na wɔde bɛsii ne siberɛ wɔ ntomadan a Dawid si maa no no mu.+ Ɛnna Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne asomdwoeɛ afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim.+ 18 Berɛ a Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ no wieeɛ no, ɔde asafo Yehowa din hyiraa ɔman no. 19 Bio nso, ɔmaa ɔmanfoɔ no, Israel man mu no nyinaa, ɔbarima ne ɔbaa biara, paanoo a wɔabɔ no sɛ kawa baako ne nkyiresia* aba keeki ne bobe keeki, na ɛno akyi no, ɔmanfoɔ no nyinaa kɔɔ wɔn afie mu.
20 Berɛ a Dawid san kɔɔ sɛ ɔrekɔsrɛ nhyira ama ne fie no, Saul babaa Mikal+ pue bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Animuonyam bɛn ara na Israel hene ahyɛ ne ho nnɛ yi sɛ wapa ne ho wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim sɛdeɛ mmarima ahuhufoɔ no bi pa ne ho nyinaa no!”+ 21 Ɛnna Dawid buaa Mikal sɛ: “Medii ahurisie wɔ Yehowa anim; ɔno na ɔpoo wo papa ne ne fie nyinaa bɛyii me de me yɛɛ Yehowa man Israel kannifoɔ.+ Enti mɛdi ahurisie bio wɔ Yehowa anim. 22 Mɛbrɛ me ho ase akyɛn saa koraa, na mabu me ho famfamni. Na mfenaa a wokaa wɔn ho asɛm no, wɔn anim na mɛnya animuonyam.” 23 Enti Saul babaa Mikal+ deɛ, wanwo ba kɔsii sɛ ɔwuiɛ.