Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
7 Berɛ a ɔhene bɛtenaa ne fie,*+ na Yehowa maa ne ho dwoo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam no, 2 ɔhene ka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan+ sɛ: “Hwɛ, me deɛ, mete fie a wɔde sida nnua asi mu,+ nanso nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no si ntomadan mu.”+ 3 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ ɛda w’akoma so biara, kɔ na kɔyɛ, na Yehowa di w’akyi.”+
4 Saa anadwo no ara, Yehowa ka kyerɛɛ Natan sɛ: 5 “Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Wo na wobɛsi fie ama matena mu anaa?+ 6 Ɛfiri da a meyii Israelfoɔ firii Egypt baeɛ de bɛsi nnɛ, mentenaa fie mu da,+ ntomadan mu ara na matena; metu firi* ha a, na mekɔ ha.+ 7 Ɛfiri berɛ a me ne Israelfoɔ* nyinaa nanteeɛ yi, da bɛn na mebisaa Israel mmusuakuo mu mpanimfoɔ a meyii wɔn sɛ wɔnyɛn me man no mu baako mpo sɛ ‘Adɛn nti na momfaa sida dua nsii fie mmaa me?’”’ 8 Afei ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Me na meyii wo firii mmoa adidibea sɛ gyae mmoa so hwɛ+ na bɛdi me man Israel anim.+ 9 Baabiara a wobɛkɔ nso mɛdi w’akyi,+ na mɛpra* w’atamfo nyinaa afiri w’anim,+ na mama woanya din kɛseɛ+ te sɛ asaase so atitire. 10 Mɛsiesie baabi ama me man Israel na mede wɔn akɔdua hɔ; ɛhɔ na wɔbɛtena, na biribiara renha wɔn adwene bio. Amumuyɛfoɔ biara renhyɛ wɔn so bio sɛ kane no,+ 11 te sɛ berɛ a mede atemmufoɔ sisii me man Israel so no.+ Mɛma wo ho adwo wo w’atamfo nyinaa nsam.+
“‘“Afei nso, Yehowa aka akyerɛ wo sɛ efie* na Yehowa bɛkyekyere ama wo.+ 12 Sɛ wo nkwa nna ba awieeɛ+ na wo ne w’agyanom kɔda a, w’akyi no mɛma w’aseni* bi so, wo ara wo ba,* na mɛma n’ahennie atim.+ 13 Ɔno na ɔbɛsi fie ama me din,+ na mɛma n’ahennwa atim afebɔɔ.+ 14 Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne adasamma* mmaa bɛtene no.+ 15 Merenyi me dɔ a ɛnni hwammɔ mfiri ne so sɛdeɛ meyi firii Saul so+ na metuu no adeɛ so wɔ w’anim no. 16 Wo fie ne w’ahennie bɛtim wɔ w’anim afebɔɔ, na w’ahennwa nso bɛtim afebɔɔ.”’”+
17 Natan kaa nsɛm yi ne anisoadehunu no nyinaa kyerɛɛ Dawid.+
18 Ɛnna Ɔhene Dawid bɛtenaa Yehowa anim, na ɔkaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, me ne hwan? Na me fie yɛ deɛn a wode me abɛduru ha yi?+ 19 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wei nyinaa akyi, woasan aka deɛ daakye-daakye ɛbɛba w’akoa fie so; na wei ne akwankyerɛ* a wode ama adasamma nyinaa, O Awurade Tumfoɔ Yehowa. 20 Ɛdeɛn bio na w’akoa Dawid nka nkyerɛ wo, O Awurade Tumfoɔ Yehowa? Ɛfiri sɛ wonim me yie.+ 21 W’asɛm ne deɛ w’akoma pɛ* nti na woayɛ nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woama w’akoa ahunu.+ 22 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, ɛno kyerɛ sɛ woyɛ kɛseɛ ampa.+ Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ deɛ yɛde yɛn aso ate afa wo ho nyinaa kyerɛ saa. 23 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asaase so a ɛte sɛ wo man Israel?+ O Onyankopɔn, wogyee wɔn de wɔn yɛɛ wo man,+ na woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu+ maa wɔn de gyee din.+ Wo man a wogyee wɔn firii Egypt no, wɔn nti wopamoo amanaman no ne wɔn anyame. 24 Wode wo nkurɔfoɔ Israel atim hɔ sɛ wɔnyɛ wo man afebɔɔ,+ na wo, Yehowa na woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.+
25 “Afei Yehowa Nyankopɔn, ma ɛbɔ a woahyɛ w’akoa ne ne fie no ntim afebɔɔ, na yɛ sɛdeɛ woaka no.+ 26 Ma wo din nyɛ kɛse daa,+ na nkurɔfoɔ nka sɛ, ‘Asafo Yehowa ne Onyankopɔn a ɔdi Israel so,’ na ma w’akoa Dawid ase ntim wɔ w’anim.+ 27 Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, wo na woayi no adi akyerɛ w’akoa sɛ, ‘Mɛkyekyere fie* ama wo.’+ Ɛno nti na w’akoa anya akokoɔduro* rebɔ wo saa mpaeɛ yi. 28 Na afei, Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone nokorɛ Nyankopɔn no, wo nsɛm yɛ nokorɛ,+ na nneɛma pa yi nyinaa, wo na wode ahyɛ w’akoa bɔ. 29 Enti ma no nyɛ wo fɛ na hyira w’akoa fie na ɛntena w’anim daa,+ ɛfiri sɛ wo, Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woahyɛ bɔ, na wo nhyira nti, ma nhyira mmra w’akoa fie so daa.”+