2 Samuel
7 Ɛbaa sɛ berɛ a ɔhene bɛtenaa ne fie,+ na Yehowa maa no home firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ+ no, 2 ɔhene ka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan+ sɛ: “Hwɛ, me deɛ, mete fie a wɔde ntweneduro+ asie mu, nanso nokorɛ Nyankopɔn adaka no si ntomadan mu.”+ 3 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ ɛda w’akoma soɔ biara, kɔ na kɔyɛ,+ na Yehowa di w’akyi.”
4 Ɛbaa sɛ saa anadwo no, Yehowa asɛm+ baa Natan nkyɛn sɛ: 5 “Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Wo na wobɛsi fie ama matena mu anaa?+ 6 Ɛfiri da a mekɔyii Israelfoɔ firii Egypt baeɛ de bɛsi nnɛ, mentenaa efie mu da,+ ntomadan+ mu ara na madi akɔneaba.+ 7 Berɛ a menantee Israelfoɔ mu+ no nyinaa, da bɛn na meka kyerɛɛ Israel mmusuakuo+ a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man Israel no bi sɛ, ‘Adɛn nti na monsii tweneduro fie mmaa me?’”’ 8 Afei yei na ka kyerɛ m’akoa Dawid, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Me na meyii wo firii mmoa adidibea sɛ gyae mmoa+ akyiridie na bɛdi me man Israel anim.+ 9 Mɛdi w’akyi baabiara a wobɛkorɔ,+ na mɛtwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim+ na mama woanya din kɛseɛ+ sɛ asase so atitire no din. 10 Na mɛsiesie baabi+ ama me man Israel na mede wɔn akɔdua+ hɔ; ɛhɔ na wɔbɛtena, na biribiara renha wɔn adwene bio. Amumuyɔfoɔ asefoɔ biara renteetee wɔn bio sɛ kane nna no,+ 11 nna a mede atemmufoɔ+ sisii me man Israel soɔ no. Mɛma wo home afiri w’atamfo nyinaa nsam.+
“‘“Na Yehowa aka akyerɛ wo sɛ efie+ na Yehowa bɛkyekyere ama woɔ. 12 Sɛ wo nna wie duru+ na wo ne w’agyanom kɔda+ a, mɛma w’aseni bi so afiri w’asene mu w’akyi, na mɛma n’ahennie atim.+ 13 Ɔno na ɔbɛsi fie ama me din,+ na mɛma n’ahennwa atim afebɔɔ.+ 14 Me na mɛyɛ n’agya,+ na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne Adam asefoɔ mmaa bɛtene no.+ 15 M’adɔeɛ deɛ, ɛremfiri ne so sɛdeɛ meyi firii Saul a metuu no w’anim soɔ no.+ 16 Wo fie ne w’ahennie bɛtim w’anim afebɔɔ, na w’ahennwa nso bɛtim afebɔɔ.”’”+
17 Sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa na Natan ka kyerɛɛ Dawid.+
18 Yei akyi no, Ɔhene Dawid bɛtenaa Yehowa anim, na ɔkaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, hwan ne me,+ na me fie yɛ deɛn a wode me abɛduru ha yi? 19 Nanso yei nyinaa yɛ w’ani so ade ketewa bi, O Awurade Tumfoɔ Yehowa; woasan aka deɛ ɛbɛba w’akoa fie so daakye-daakye, na yei ne mmara a wode ama adasamma,+ O Awurade Tumfoɔ Yehowa.+ 20 Ɛdeɛn bio na Dawid nkɔ so nka nkyerɛ woɔ, O Awurade Tumfoɔ Yehowa? Wo na wonim w’akoa yie.+ 21 W’asɛm nti+ woayɛ nneɛma akɛseɛ yi nyinaa sɛdeɛ ɛwɔ w’akoma mu,+ na woama w’akoa ahunu.+ 22 Ɛno nti na wosõ kokuroo+ no, O Awurade Tumfoɔ Yehowa; obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo,+ anyame a yɛde yɛn aso ate wɔn ho asɛm no nyinaa mu. 23 Na ɔman baako bɛn na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man Israel+ a Onyankopɔn gyee wɔn faa sɛ ɔman?+ Ɔman bɛn na wonam wɔn so ayɛ anwanwadwuma+ akɛseɛ de anya din?+ Ɛnyɛ wo man a wogyee+ wɔn firii Egypt, a wɔn nti wopamoo amanaman no ne wɔn anyame no? 24 Na wode wo nkurɔfoɔ Israel+ atim w’anim sɛ wɔnyɛ wo man daa, na wo, Yehowa na woyɛ wɔn Nyankopɔn.+
25 “Afei Yehowa Nyankopɔn, ma asɛm a woaka afa w’akoa ne ne fie ho no ntim daa, na yɛ sɛdeɛ woaka no.+ 26 Ma wo din nyɛ kɛse daa,+ na nkurɔfoɔ nka sɛ, ‘Asafo Yehowa ne Israel Nyankopɔn,’+ na ma w’akoa Dawid fie ntim w’anim.+ 27 Na wo, asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn na woayi no adi akyerɛ w’akoa sɛ, ‘Mɛkyekyere fie ama wo.’+ Ɛno nti na w’akoa anya akokoɔduro rebɔ wo saa mpaeɛ yi.+ 28 Na afei, Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone nokorɛ Nyankopɔn no, na wo nsɛm a woaka no, ma no mmra mu+ ɛfiri sɛ wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ.+ 29 Enti ma no nyɛ wo fɛ na hyira+ w’akoa fie na ɛntena w’anim daa+ ɛfiri sɛ wo, Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woahyɛ bɔ, na wo nhyira nti, ma nhyira mmra w’akoa fie so daa.”+