1 Samuel 16:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔteɛ ne ne tenten ne ne kɛseɛ,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ,+ ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa,+ na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+ 1 Berɛsosɛm 17:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɛdeɛn bio na Dawid nka, animuonyam a wode ahyɛ w’akoa no ho?+ Wo na wonim w’akoa yie.+ Dwom 17:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Woapɛɛpɛɛ m’akomam, woahwehwɛ me mu anadwo,+Woanane me ayiyi me mu; woahunu sɛ memmɔɔ pɔ bɔne bi.+M’ano renka mmaratodeɛ.+ Dwom 139:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 139 O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na woni me.+ Hebrifoɔ 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, deɛ yɛne no wɔ akontabuo no anim.+
7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔteɛ ne ne tenten ne ne kɛseɛ,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ,+ ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa,+ na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+
3 Woapɛɛpɛɛ m’akomam, woahwehwɛ me mu anadwo,+Woanane me ayiyi me mu; woahunu sɛ memmɔɔ pɔ bɔne bi.+M’ano renka mmaratodeɛ.+
13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, deɛ yɛne no wɔ akontabuo no anim.+