2 Samuel
8 Akyire yi, ɛbaa sɛ Dawid kaa Filistifoɔ+ no guiɛ, na ɔdii wɔn so nkonim,+ na Dawid gyee Meteg-Amma firii Filistifoɔ no nsam.
2 Na ɔkaa Moabfoɔ+ nso guiɛ, na ɔmaa wɔdedaa fam, de susuhoma susuu wɔn; ɔsusuu ahoma mmienu sɛ wɔnku wɔn, ne homa baako pɛpɛɛpɛ sɛ wɔntena nkwa mu.+ Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa+ a wɔtua toɔ ma no.+
3 Na Dawid kum Soba+ hene Rehob ba Hadadeser+ berɛ a na ɔresan akɔko agye asubɔnten Eufrate ho nkuro no.+ 4 Na Dawid ko gyee apɔnkɔsotefoɔ apem ahanson ne mmarima mpem aduonu a wɔnam fam+ firii ne nsam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ+ no nyinaa nantin ntini,+ na ɔgyaa nteaseɛnam apɔnkɔ no mu ɔha.
5 Berɛ a Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko+ no baa sɛ wɔrebɛboa Soba hene Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafoɔ mmarima mpem aduonu mmienu.+ 6 Afei, Dawid de asraafoɔdɔm+ kɔguu Siria a ɛwɔ Damasko, na Siriafoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no.+ Na Yehowa bɔɔ Dawid ho ban baabiara a ɔkɔeɛ.+ 7 Afei nso Dawid sesaa sika kɔkɔɔ akyɛm+ a na ɛkurakura wɔn a wɔhyɛ Hadadeser aseɛ no, na ɔde baa Yerusalem. 8 Na Ɔhene Dawid faa kɔbere bebree pa+ firii Hadadeser nkuro Beta* ne Berota mu kɔeɛ.
9 Hamat+ hene Toi* tee sɛ Dawid aka Hadadeser asraafoɔdɔm no nyinaa agu.+ 10 Enti Toi somaa ne ba Yoram kɔɔ Ɔhene Dawid nkyɛn kɔkyeaa no,+ na ɔmaa no amo sɛ ɔne Hadadeser ako aka no aguo, (deɛ ɛwom ne sɛ, na Hadadeser taa ne Toi di ako), na ɔde dwetɛ ne sika ne kɔbere nneɛma nyinaa bi kɔmaa no.+ 11 Ɔhene Dawid hyiraa yeinom nyinaa so maa Yehowa, sɛdeɛ ɔhyiraa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔgye firii amanaman a ɔdii wɔn so nkonim no nyinaa nkyɛn soɔ no;+ 12 ɛfiri Siria ne Moab+ ne Ammon asefoɔ ne Filistifoɔ+ ne Amalekfoɔ+ nsam ne Soba+ hene Rehob ba Hadadeser asadeɛ mu. 13 Berɛ a Dawid kɔkaa Edomfoɔ mpem dunwɔtwe+ guiɛ wɔ Nkyene Bɔn+ no mu baeɛ no, ɔgyee din. 14 Na ɔde asraafoɔdɔm kɔguu Edom;+ ɔde asraafoɔdɔm no kɔguu Edom baabiara, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa.+ Na Yehowa bɔɔ Dawid ho ban baabiara a ɔkɔeɛ.+
15 Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ Dawid buu atɛn na ɔdii asɛntenenee+ maa ne man+ nyinaa daa. 16 Ná Seruia ba Yoab+ na ɔda asraafoɔ no ano, na Ahilud ba Yehosafat+ nso ne ɔhene krakye. 17 Ná Ahitab ba Sadok+ ne Abiatar ba Ahimelek+ na wɔyɛ asɔfoɔ, na Seraia nso ne ɔtwerɛfoɔ. 18 Ná Yehoiada ba Benaia+ na ɔda Keretifoɔ+ ne Peletifoɔ+ no ano, na Dawid mma no nso yɛ asɔfoɔ.*+