51 Wɔwiee+ Yehowa fie adwuma a Solomon yɛeɛ no nyinaa, na Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baeɛ;+ ɔde sika ne dwetɛ ne anwenneɛ no nyinaa bɛguu Yehowa fie adekora adan no mu.+
11 Dawid hyiraa+ yeinom nyinaa so maa Yehowa, sɛdeɛ ɔhyiraa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔgye firii amanaman+ no nyinaa nkyɛn soɔ no, deɛ ɔgye firii Edom ne Moab+ ne Ammon+ asefoɔ ne Filistifoɔ+ ne Amalekfoɔ+ nsam no.
14 Na m’amanehunu+ mu no, maboaboa sika+ dwetikɛseɛ mpem ɔha, ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem baako ne kɔbere+ ne dadeɛ+ a ne dodoɔ nti wɔntumi nkarie asie ama Yehowa fie no; masan asiesie nnua ne aboɔ agu hɔ nanso yeinom deɛ, pɛ bi ka ho.