1 Ahemfo
7 Na Solomon no ara fie nso, ɔde mfeɛ dumiɛnsa na ɛsiiɛ,+ na ɔwiee ne fie no ho adwuma nyinaa.+
2 Afei ɔsii Lebanon Kwaeɛfie+ no; ne ntwemu yɛ basafa ɔha, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonum, ne tenten nso yɛ basafa aduasa, na ɔsi sii tweneduro adum a ɛsesã so nnan so; wɔde tweneduro nnua+ guu adum no so. 3 Wɔde tweneduro+ sam mpuna a ɛdeda adum aduanan nnum soɔ no soro. Adum dunum sesã so wɔ ɛfã biara. 4 Mpomma no nso sesã so wɔ afã mmiɛnsa, na mpomma+ kyerɛkyerɛ mpomma anim ntoatoasoɔ mmiɛnsa. 5 N’apono ne n’aponnwa+ afã nnan nyinaa yɛ pɛ, na mpomma a ɛkyerɛkyerɛ mpomma anim ntoatoasoɔ mmiɛnsa no nso te saa.
6 Ɔyɛɛ Adum Abrannaa no, ne ntwemu yɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduasa; ɔde adum yɛɛ abrannaa foforɔ wɔ animu, na ɔkuruu so.
7 Ɔyɛɛ Ahennwa Abrannaa+ no, atemmuo abrannaa+ a ɔbɛbu atɛn wɔ hɔ no nso; ɔde tweneduro sam dan no mu firii fam kɔsii nsamsoɔ no so.+
8 Na ne fie a ɔno ara bɛtena mu a ɛwɔ fã nohoa no,+ na ɛmmɛn Abrannaa dan no. Ɔyɛɛ no sɛ ɛno ara. Na Solomon san sii fie a ɛte sɛ Abrannaa dan no maa Farao babaa+ a ɔwaree no no.
9 Ne nyinaa, ɔde aboɔ a ne boɔ yɛ den+ a wɔasene no pɛpɛɛpɛ a wɔde aboɔ sradaa atwitwa animu ne akyire na ɛyɛeɛ, ɛfiri ne fapem so kɔsi n’atifi, ne abɔnten kɔsi adihɔ kɛseɛ+ hɔ. 10 Na aboɔ a ne boɔ yɛ den a wɔde too fapem no yɛ aboɔ akɛseɛ; aboɔ no bi yɛ basafa du na ebi nso yɛ basafa nwɔtwe. 11 Aboɔ a ne boɔ yɛ den a wɔasene no pɛpɛɛpɛ ne ntweneduro na ɛdeda soɔ. 12 Ɔde aboɔ a wɔasene toatoaa so mmiɛnsa, na ɔde tweneduro nnua totoo so de yɛɛ fasuo twaa adihɔ kɛseɛ no ho hyiaeɛ;+ saa na ɔyɛɛ Yehowa fie+ adihɔ a ɛwɔ mfimfini+ no ne fie no abantenten+ no ho.
13 Ɛnna Ɔhene Solomon soma maa wɔkɔfaa Hiram+ firi Tiro baeɛ. 14 Ná ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ+ a ɔwɔ nyansa ne nteaseɛ+ ne nimdeɛ a ɔde yɛ kɔbere ho adwuma biara; ne maame yɛ Naftali abusuakuo mu kunafoɔ, na ne papa yɛ Tironi.+ Ɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn bɛyɛɛ ne nnwuma nyinaa maa no.
15 Na ɔguu kɔbere adum+ mmienu no; adum no biara tenten yɛ basafa dunwɔtwe, na basafa dumienu homa na ɛtwa adum+ no biara ho hyia. 16 Na ɔde kɔbere+ yɛɛ ntaasoɔ mmienu wɔ adum no so. Ntaasoɔ no baako tenten yɛ basafa nnum, na ntaasoɔ baako no nso tenten yɛ basafa nnum. 17 Atena a wɔanwene ayɛ no ntweaban nkyinkyimiiɛ+ wɔ adum no ntaasoɔ no so;+ nson wɔ ntaasoɔ baako so, na nson wɔ ntaasoɔ baako no nso so. 18 Na ɔyeyɛɛ granate akutuo a ɛsesã so nhankra mmienu wɔ atena baako ho de twaa adum no ntaasoɔ ho hyiaeɛ; saa na ɔyɛɛ ntaasoɔ+ baako no nso ho. 19 Ɔyɛɛ abantenten ho adum no ntaasoɔ sɛ sukooko,+ basafa nnan. 20 Ná ntaasoɔ no wɔ adum mmienu no so, na ɛbɛn afuro a atena wɔ ho no; ɔyeyɛɛ granate akutuo+ ahanu a ɛsesã soɔ de twaa ntaasoɔ biara ho hyiaeɛ.
21 Na ɔsisii asɔredan abantenten+ no ho adum+ no. Enti edum a ɔde sii nifa no, ɔfrɛɛ no Yakin, na edum a ɔde sii benkum no, ɔfrɛɛ no Boas. 22 Ɔdii sukooko adwini wɔ adum no soro. Enti ɔde nkakrankakra wiee adum no ho adwuma nyinaa.
23 Ɔyɛɛ ɛpo a wɔaguo*+ no nso; ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa du. Ano yɛ kurukuruwa hyia, na ne tenten yɛ basafa nnum. Basafa aduasa homa na ɛtwa ho hyia.+ 24 Ɔyɛɛ biribi te sɛ aduaba agudeɛ+ nkuruwankuruwa+ wɔ aseɛ nyinaa hyiaeɛ; edu wɔ basafa baako biara mu, na atwa po no nyinaa ho ahyia.+ Aduaba agudeɛ nkuruwankuruwa no sesã so nhankra mmienu, na ɔguu ɛno ne ɛpo no nyinaa prɛko. 25 Ɔde taa anantwie+ dumienu akyi; mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam, mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam, mmiɛnsa ani kyerɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa ani kyerɛ apueeɛ fam, na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyi nyinaa hyehyɛ aseɛ.+ 26 Ne pipiripie te sɛ nsayam;+ ɔyɛɛ ano te sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a apaeɛ.+ Bat susuhina+ mpem mmienu na wɔde gu mu.+
27 Na ɔyeyɛɛ kɔbere nnaka du a wɔde twe nsuo;+ adaka biara ntwemu yɛ basafa nnan, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan na ne tenten yɛ basafa mmiɛnsa. 28 Sei na ɔyɛɛ nnaka a wɔde twe nsuo no: nhyehyɛmu ntraantraa wɔ ho, na nhyehyɛmu no hyehyɛ mmeamu mu. 29 Ɔyeyɛɛ agyata+ ne anantwie+ ne kerubim+ wɔ nhyehyɛmu a ɛhyehyɛ mmeamu no mu no so, na saa na ɔyɛɛ no mmeamu no nso soɔ. Nhwiren nkyekyereeɛ+ sensɛn agyata ne anantwie no atifi ne wɔn ase. 30 Adaka no biara wɔ kɔbere ntwahonan nnan ne kɔbere nhyɛmudua; ɛwɔ nsisonan nnan, na ɔguu nsisonan no wɔ ɛsɛn no ase, na nhwiren nkyekyereeɛ wowɔ nkyɛnkyɛn. 31 Ano no, ɛfiri emu deɛ no kɔsi nsisonan no yɛ basafa [?]; ano yɛ kurukuruwa, na ɔyɛɛ ne kɔn no basafa baako ne fã; ɔdii adwini nso wɔ ano. Nhyehyɛmu no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa. 32 Ntwahonan nnan no wɔ nhyehyɛmu ntraantraa no ase, na ntwahonan no nsa wɔ nsutwe adaka no ase; ntwahonan biara tenten yɛ basafa baako ne fã. 33 Ɔyɛɛ ntwahonan no sɛ teaseɛnam ntwahonan.+ Ne nsa no ne ne hankra ne ne nhyehyɛmu ne mfimfini nyinaa, wɔguiɛ. 34 Nsisonan nnan wowɔ adaka biara afã nnan no ho; adaka no ne nsisonan no bom baako. 35 Adaka no atifi no, ɔyɛɛ ne kɔn no kurukuruwa hyiaeɛ; ne tenten yɛ basafa fã, na adaka no soro ne ne nkyɛnmu ne nhyehyɛmu ntraantraa no, ne nyinaa bom baako. 36 Afei ɔdii kerubim ne agyata ne mmedua adwini+ wɔ ne nkyɛnmu nnadeɛ ntraantraa ne nhyehyɛmu no so sɛdeɛ ɛkwan a ɛdeda ntamu teɛ, na ɔyeyɛɛ nhwiren nkyekyereeɛ nso wɔ ho hyiaeɛ.+ 37 Saa na ɔyeyɛɛ nsutwe nnaka+ du no; ne nyinaa yɛ adekorɔ,+ na ne tenten ne ne kɛseɛ yɛ pɛ.
38 Na ɔyeyɛɛ kɔbere asɛn+ du. Bat susuhina aduanan na emu biara bɛtumi afa. Ɛsɛn biara yɛ basafa nnan. Nsutwe adaka du no biara, ɛsɛn baako si so. 39 Afei ɔde nsutwe nnaka no nnum sisii ɛdan no nifa,+ na ɔde nnum nso sisii ɛdan no benkum; ɔde ɛpo no sii ɛdan no nifa, apueeɛ fam de rekɔ anafoɔ.+
40 Na Hiram+ yeyɛɛ asɛn+ ne sofi+ ne nyaawa+ no. Enti Hiram wiee+ adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fie no ho nyinaa: 41 Adum+ mmienu ne ntaasoɔ+ a ɛte sɛ ɛsɛn a ɛwɔ adum mmienu no soɔ, ne atena+ mmienu a ɛkata adum no so ntaasoɔ nkuruwankuruwa mmienu no ho, 42 ne atena mmienu no ho granate akutuo+ ahanan no, ne atena no biara ho granate akutuo a ɛsesã so nhankra mmienu a wɔde akata adum mmienu no so ntaasoɔ a ɛte sɛ ɛsɛn no ho, 43 ne nsutwe nnaka+ du ne asɛn+ du a ɛsisi nsutwe nnaka no soɔ, 44 ne ɛpo+ no ne anantwie dumienu a ɛpo no taa wɔn akyire+ no, 45 ne adeɛ a wɔde sesa nsõ ne sofi ne nyaawa ne nneɛma+ yi a Hiram de kɔbere a wɔabere ho yɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fie no ho nyinaa. 46 Yordan Mantam+ mu na ɔhene guu nneɛma yi wɔ dɔteɛ mu, Sukot+ ne Saretan+ ntam.
47 Na Solomon ankari anwenneɛ+ no ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso pii pa.+ Wɔammu kɔbere no dodoɔ ano.+ 48 Na Solomon yeyɛɛ Yehowa fie hɔ anwenneɛ no nyinaa: sika afɔrebukyia+ ne apono+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo wɔ soɔ, 49 ne sika amapa+ nkaneadua,+ nnum sisi nifa na nnum nso sisi benkum wɔ pia mu pia no anim, ne nhwiren+ ne nkanea+ ne afagya+ a wɔde sika yeyɛeɛ, 50 ne asɛn ne adumgya+ ne nyaawa+ ne nkuruwa+ ne egya nkukuwa+ a wɔde sika amapa yeyɛeɛ no; ɛne pia mu pia, kyerɛ sɛ, Kronkron mu Kronkronbea apono+ no nsisoɔ, ne asɔrefie+ no apono+ a wɔde sika yeyɛeɛ no nyinaa.
51 Wɔwiee+ Yehowa fie adwuma a Solomon yɛeɛ no nyinaa, na Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baeɛ;+ ɔde sika ne dwetɛ ne anwenneɛ no nyinaa bɛguu Yehowa fie adekora adan no mu.+