1 Ahemfo
6 Berɛ a Israelfoɔ firi Egypt asase so baeɛ+ no afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe a ɛyɛ Solomon afe a ɛtɔ so nnan+ berɛ a ɔbɛyɛɛ Israel hene no, ɔfirii aseɛ sɛ ɔresi fie ama Yehowa+ wɔ bosome Siw,+ bosome a ɛtɔ so mmienu+ no mu. 2 Ɛdan a Ɔhene Solomon si+ maa Yehowa no, ne ntwemu yɛ basafa aduosia,+ ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu, na ne tenten yɛ basafa aduasa.+ 3 Abantenten+ a ɛwɔ asɔredan no anim no, ne ntwemu yɛ basafa aduonu, efie no anim. Ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa du ɛdan no anim.
4 Ɔyeyɛɛ mpomma a aka apua wɔ fie no mu.+ 5 Afei ɔsii nkyɛnmu dan de twaa ɛdan no ho hyiaeɛ, wɔ asɔredan no ara ne ne pia mu pia+ no ho, na ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia+ wɔ ho nyinaa. 6 Nkyɛnmu pia a ɛwɔ aseɛ no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, deɛ ɛwɔ mfimfini no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia na deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nson; ɔyeyɛɛ ɛdan no akyi mmamma+ de twaa ho nyinaa hyiaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa biribiara nwurawura ɛdan no afasuo mu.+
7 Ɛdan no ara deɛ, berɛ a wɔresie no, wɔde aboɔ a wɔapae+ ayɛ ho biribiara awie na ɛsiiɛ; berɛ a wɔresi dan no, wɔante asaeɛ anaa akuma anaa nnadeɛ biara nka wɔ fie hɔ.+ 8 Pia a ɛwɔ aseɛ no kwan+ da ɛdan no nifa fam, na atwedeɛ a ɛnwonwan na wɔforo de kɔ mfimfini deɛ no ne deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no mu. 9 Na ɔtoaa so sii dan no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛwie,+ na ɔde tweneduro+ mpuna ne ntaaboɔ sam ɛdan no so. 10 Afei nso, ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia+ wɔ dan no ho nyinaa hyiaeɛ, ne tenten yɛ basafa nnum, na wɔde tweneduro nnua sosɔɔ mu+ bɔɔ dan no mu.
11 Ɛnna Yehowa asɛm baa Solomon nkyɛn+ sɛ:+ 12 “Efie a woresie yi ho deɛ, sɛ wonante m’ahyɛdeɛ+ mu na woyɛ m’atemmusɛm+ na wodi me mmara nsɛm nyinaa so na wonante mu+ a, me nso mɛma wo ho asɛm a meka kyerɛɛ wo papa Dawid no nyinaa aba mu;+ 13 mɛtena Israelfoɔ mu,+ na merennya me man Israel.”+
14 Na Solomon toaa so sii dan no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛwie.+ 15 Ɔde tweneduro nnua yɛɛ dan no mu afasuo. Ɛfiri ɛdan no fam kɔsi nsamsoɔ no mpuna ho no, ɔde nnua kataa ho, na ɔde popaw nnua+ nso sam ɛdan no fam. 16 Bio nso, ɔde tweneduro ntaaboɔ yɛɛ biribi wɔ dan no akyi a ɛyɛ basafa aduonu, ɛfiri fam kɔsi nsamsoɔ no so, na ɔyɛɛ Kronkron mu Kronkronbea+ wɔ ɛdan no pia mu pia+ no mu. 17 Ná ɛdan no yɛ basafa aduanan, kyerɛ sɛ, asɔredan+ a ɛwɔ animu no.+ 18 Na ntweneduro a ɛwɔ dan no mu no, wɔdii aduaba agudeɛ nkuruwankuruwa+ ne nhwiren a ahanehane+ adwini wɔ so. Wɔde tweneduro na ɛyɛɛ ne nyinaa; wɔanhunu aboɔ biara wɔ mu.
19 Ɔsiesiee dan no pia mu pia+ no mu sɛ ɔde Yehowa apam+ adaka+ no bɛsi hɔ. 20 Pia mu pia no ntwemu yɛ basafa aduonu, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu,+ na ne tenten yɛ basafa aduonu; ɔde sika amapa duraa mu,+ na afɔrebukyia+ no nso, ɔde tweneduro duraa ho. 21 Na Solomon de sika+ amapa duraa+ ɛdan no mu, na ɔde sika ntweaban+ twaa pia mu pia+ no anim, na ɔde sika duraa mu. 22 Ɔde sika duraa ɛdan no mu+ nyinaa kɔsii sɛ ɔwiee dan no ho adwuma nyinaa; afɔrebukyia+ a ɛkyerɛ pia mu pia hɔ no nso, ɔde sika duraa+ ho nyinaa.
23 Bio nso, ɔde nku dua yɛɛ kerubim+ mmienu wɔ pia mu pia no mu, baako biara tenten yɛ basafa du.+ 24 Kerubim no ataban baako tenten yɛ basafa nnum, na kerubim no ataban baako a aka no nso tenten yɛ basafa nnum. Ɛfiri n’ataban baako ano kɔsi baako ano yɛ basafa du.+ 25 Kerubim a ɔtɔ so mmienu no nso deɛ yɛ basafa du. Kerubim mmienu no nyinaa tenten ne wɔn kɛseɛ yɛ pɛ. 26 Kerubim baako tenten yɛ basafa du, na saa na baako a aka no nso teɛ. 27 Ɛnna ɔde kerubim no sisii pia mu pia no mu; ná kerubim+ no ntaban mu atrɛtrɛ. Kerubim no baako ataban ka fasuo no, na baako nso deɛ ka fasuo a ɛwɔ fã nohoa no; wɔn ntaban a aka no kyerɛ dan no mfimfini, na baako ataban ka baako ataban.+ 28 Bio nso, ɔde sika duraduraa kerubim no ho.+
29 Ɔdii kerubim+ ne mmedua+ ne nhwiren a ahanehane+ adwini wɔ ɛdan no afasuo no ho, pia no mu, na ɔyɛɛ bi nso wɔ pia mu pia no mu. 30 Ɔde sika duraa ɛdan no fam,+ pia no mu, ne pia mu pia no mu. 31 Na pia mu pia kwan no, ɔde nku dua+ na ɛyɛɛ n’apono:+ nkyɛnmu adum ne aponnwa ne abupɛn nnum mu baako. 32 Ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apono mmienu no, na ɔdii kerubim ne mmedua ne nhwiren a ahanehane adwini wɔ ho, na ɔde sika duraa ho; ɔde sika nso guu kerubim ne mmedua adwini no so. 33 Saa na ɔyɛɛ asɔredan kwan ne nku dua aponnwa no, n’afanan no nyinaa. 34 Ɔde popaw nnua+ na ɛyɛɛ apono mmienu no. Ɛpono baako bɔ ho mmienu na ɛtumi danedane, na ɛpono a aka no nso bɔ ho mmienu na ɛtumi danedane.+ 35 Ɔdii kerubim ne mmedua ne nhwiren a ahanehane adwini wɔ ho, na ɔde sika guu adwini no ho.+
36 Afei ɔde aboɔ a wɔasene toatoaa so+ mmiɛnsa na ɔde tweneduro nnua totoo so yɛɛ adihɔ a ɛwɔ mfimfini no.+
37 Wɔtoo Yehowa fie no fapem+ afe a ɛtɔ so nnan, Siw+ a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so mmienu no mu; 38 afe a ɛtɔ so dubaako, Bul a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, wɔwiee fie no+ ho adwuma nyinaa sɛdeɛ wɔkyerɛɛ sɛ wɔnsi no ne ne nsususoɔ+ nyinaa. Enti ɔde mfeɛ nson na ɛsi wieeɛ.