6 Nkyɛnmu pia a ɛwɔ aseɛ no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, deɛ ɛwɔ mfimfini no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia, na deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nson; ɔyeyɛɛ bamma wɔ ɛdan no ho nyinaa hyiae, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa biribiara nwurawura asɔredan no mu.+