Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
6 Berɛ a Israelfoɔ* firii Egypt asaase so baeɛ no,+ n’afe a ɛtɔ so 480 no, na ɛyɛ Solomon afe a ɛtɔ so nnan firi berɛ a ɔbɛyɛɛ Israel hene. Saa afe no, ɔfirii aseɛ sɛ ɔresi Yehowa fie*+ no wɔ Siw* bosome+ no (kyerɛ sɛ, bosome a ɛtɔ so mmienu no) mu. 2 Ɛdan a Ɔhene Solomon si maa Yehowa no, ne tenten yɛ basafa* 60, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa 30.+ 3 Abantenten+ a ɛwɔ asɔredan no anim no, ne tenten ne asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ; ɛyɛ basafa 20. Ɛfiri ano kɔsi asɔredan no anim nso, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa du.
4 Ɔyeyɛɛ mpomma a aka apua*+ wɔ fie no mu. 5 Afei ɔsii nkyɛnmu dan de twaa asɔredan no ho hyiae, wɔ ɛdan no ankasa* ne ne pia mu pia+ no ho, na ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia wom de twaa ɛdan no ho nyinaa hyiae.+ 6 Nkyɛnmu pia a ɛwɔ aseɛ no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, deɛ ɛwɔ mfimfini no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia, na deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nson; ɔyeyɛɛ bamma wɔ ɛdan no ho nyinaa hyiae, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa biribiara nwurawura asɔredan no mu.+
7 Ɛdan no, wɔde aboɔ a wɔapae na wɔayɛ ho biribiara awie na ɛsiiɛ,+ enti berɛ a wɔresi fie no, wɔante hamma* anaa akuma anaa nnadeɛ biara dede wɔ hɔ. 8 Nkyɛnmu pia a ɛwɔ aseɛ no kwan da ɛdan no anaafoɔ fam,*+ na nkyɛnmu pia a ɛwɔ mfimfini no ne deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, stɛps a akyinkyim na wɔde foro kɔ mu. 9 Ɔtoaa so sii ɛdan no kɔsii sɛ ɔwieeɛ,+ na ɔde sida dua mpuna ne ntaaboɔ sɛm ɛdan no so.+ 10 Afei nso, ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia wɔ ɛdan no ho nyinaa hyiae;+ ɛfiri soro bɛsi fam no, ebiara yɛ basafa nnum, na wɔde sida nnua sosɔɔ mu bɔɔ ɛdan no mu.
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ: 12 “Sɛ wonante m’ahyɛdeɛ mu na wodi m’atemmusɛm so na wode me mmara nsɛm nyinaa yɛ adwuma na wonante mu+ a, me nso efie a woresi yi, mɛfa wo so ama ɛho bɔ a mehyɛɛ wo papa Dawid no aba mu;+ 13 mɛtena Israelfoɔ mu,+ na merennya me man Israel.”+
14 Solomon toaa so sii ɛdan no kɔsii sɛ ɔwieeɛ. 15 Ɔde sida nnua kyekyɛɛ ɛdan no mu. Ɔde nnua sɛm ɛdan no mu firi fam kɔsii ne nsɛmsoɔ so, na ɔde papao nnua nso sɛm fam wɔ ɛdan no mu.+ 16 Sɛ wowura asɔredan no mu a, ɛrekɔ akyire hɔ no, ɔyɛɛ baabi a ne tenten yɛ basafa 20; sida dua ntaaboɔ na ɔde sɛm ho firi fam kɔsii ne nsɛmsoɔ so, na ɔyɛɛ hɔ pia mu pia,+ Kronkron Mu Kronkronbea no.+ 17 Ná asɔredan*+ no fã a ɛtoa so no, kyerɛ sɛ, ne fã a ɛwɔ anim no yɛ basafa 40. 18 Sida dua a ɛwɔ ɛdan no mu no, wɔyeyɛɛ aduaba agudeɛ nkuruwankuruwa+ ne nhwiren+ wɔ ho. Wɔde sida dua na ɛyɛɛ ho biribiara; wowura mu a, wonhu boɔ biara.
19 Afei ɔsiesiee pia mu pia+ a ɛwɔ asɔredan no mu sɛ ɔde Yehowa apam adaka no bɛsi hɔ.+ 20 Pia mu pia no tenten yɛ basafa 20, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na ɛfiri soro bɛsi fam nso yɛ basafa 20;+ ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa mu nyinaa, na afɔrebukyia+ no nso, ɔde sida dua sɛm ho. 21 Solomon de sika kɔkɔɔ amapa faa asɔredan no mu,+ na ɔde sika kɔkɔɔ faa pia mu pia+ no mu, ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa anim. 22 Ɔde sika kɔkɔɔ faa ɛdan no mu nyinaa kɔsii sɛ ɔwiee ɛdan no ho adwuma nyinaa; afɔrebukyia a ɛbɛn pia mu pia no nso, ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa.+
23 Bio nso, ɔde nku dua yɛɛ kerubim+ mmienu wɔ pia mu pia no mu, baako biara tenten yɛ basafa du.+ 24 Kerubim baako ntaban baako tenten yɛ basafa nnum, na n’ataban baako a aka no nso tenten yɛ basafa nnum. Ɛfiri ne ntaban baako ano kɔsi ne ntaban baako no nso ano yɛ basafa du. 25 Kerubim a ɔtɔ so mmienu no nso, na ne tenten yɛ basafa du. Kerubim mmienu no nyinaa, na wɔn kɛseɛ ne wɔn biribiara yɛ pɛ. 26 Kerubim baako tenten yɛ basafa du, na saa na kerubim baako a aka no nso teɛ. 27 Ɛnna ɔde kerubim+ no sisii pia mu pia* no mu; ná kerubim no ntaban mu atrɛtrɛ. Kerubim no baako ntaban ka ɔfasuo no, na baako nso deɛ ka ɔfasuo a ɛwɔ ɛfã nohoa no; wɔn ntaban a aka no, wɔatrɛtrɛ mu wɔ ɛdan no mfimfini, na baako ntaban ka baako ntaban. 28 Na ɔde sika kɔkɔɔ faa kerubim no ho.
29 Ɔyeyɛɛ kerubim,+ mmɛdua,+ ne nhwiren+ guu asɔredan no afasuo ho wɔ pia no mu,* na ɔyɛɛ bi nso wɔ pia mu pia no mu. 30 Sika kɔkɔɔ na ɔde faa fam wɔ ɛdan no mu, pia no mu, ne pia mu pia no mu. 31 Na pia mu pia kwan no, ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apono, n’adum a ɛwowɔ nkyɛnkyɛn ne n’aponnwa, abupɛn nnum mu baako.* 32 Ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apono mmienu no, na ɔyeyɛɛ kerubim, mmɛdua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho; ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ no guu kerubim ne mmɛdua no ho. 33 Asɔredan* no kwan no, saa ara na ɔde nku dua yɛɛ n’aponnwa no, abupɛn nnan mu baako.* 34 Ɔde papao nnua yɛɛ apono mmienu. Ɛpono baako bɔ ho mmienu, na adeɛ hyɛ mu a ɛma wotumi bu to so, na ɛpono a aka no nso bɔ ho mmienu, na adeɛ hyɛ mu a ɛma wotumi bu to so.+ 35 Ɔyeyɛɛ kerubim, mmɛdua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.
36 Ɔtoo aboɔ a wɔasene toatoaa so mmiɛnsa, na ɔde sida nnua totoo so+ yɛɛ adihɔ+ a ɛwɔ mfimfini no.
37 Wɔtoo Yehowa fie no fapem wɔ afe a ɛtɔ so nnan no mu, Siw* bosome no mu;+ 38 afe a ɛtɔ so 11, Bul* a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, wɔwiee fie no ho adwuma nyinaa sɛdeɛ efie no ho plan teɛ.+ Enti ɔde mfeɛ nson na ɛsi wieeɛ.