Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
5 Berɛ a Tiro+ hene Hiram tee sɛ wɔasra Solomon asi no hene ama ɔredi ne papa adeɛ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ Solomon nkyɛn, ɛfiri sɛ na Hiram ne Dawid yɛ nnamfoɔ firi tete.*+ 2 Solomon nso soma kɔɔ Hiram nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 3 “Wo ara wonim sɛ ɛko a atamfo de twaa me papa Dawid ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi fie amma Yehowa ne Nyankopɔn din, kɔsii sɛ Yehowa de wɔn guu ne nan ase.+ 4 Seesei deɛ, Yehowa me Nyankopɔn ama me ho adwo me wɔ afã nyinaa.+ Ɔtamfo biara nni hɔ, na bɔne biara nso nni hɔ.+ 5 Enti mepɛ sɛ mesi fie ma Yehowa me Nyankopɔn din sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ me papa Dawid bɔ no. Ɔkaa sɛ: ‘Wo ba a mede no bɛtena w’ahennwa so asi w’ananmu no, ɔno na ɔbɛsi fie ama me din.’+ 6 Afei ma wo nkurɔfoɔ ntwa sida nnua wɔ Lebanon+ mma me. Me nkoa ne wo nkoa bɛbom ayɛ adwuma, na wo nkoa akatua nyinaa, mede bɛma wo sɛdeɛ wobɛkyerɛ biara, ɛfiri sɛ wonim sɛ yɛnni obiara wɔ yɛn mu a ɔnim nnuatwa te sɛ Sidonfoɔ.”+
7 Berɛ a Hiram tee Solomon nsɛm no, ɔdii ahurisie kɛse, na ɔkaa sɛ: “Ayeyie nka Yehowa nnɛ, ɛfiri sɛ wama Dawid ɔba nyansafoɔ a ɔredi ɔman kɛseɛ* yi so!”+ 8 Ɛnna Hiram soma kɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Mate wo nkra no, na mɛyɛ w’apɛdeɛ ama wo na wo nsa aka sida ne papao nnua no.+ 9 Me nkoa de bɛfiri Lebanon aba mpoano, na mɛkyekyere agu po so de akɔ baabi a wobɛkyerɛ sɛ memfa nkɔ; ɛhɔ na mɛma wɔasanesane na woabɛfa. Me nso deɛ mepɛ sɛ woyɛ ma me ne sɛ wobɛma me fiefoɔ aduane.”+
10 Enti sida nnua ne papao nnua a Solomon hia nyinaa, Hiram de brɛɛ no. 11 Solomon nso maa Hiram hwiit kor* 20,000 sɛ ɔmfa nhwɛ ne fiefoɔ, ne ngo pa* kor 20. Wei na Solomon de maa Hiram afe biara.+ 12 Yehowa maa Solomon nyansa sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no,+ na asomdwoeɛ tenaa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn mmienu yɛɛ apam.
13 Ɔhene Solomon faa apaafoɔ firii Israel nyinaa; ná apaafoɔ no yɛ mmarima 30,000.+ 14 Bosome biara na ɔde wɔn mu 10,000 kɔ Lebanon. Sɛ wɔkɔdi bosome baako wɔ Lebanon a, na wɔabɛdi abosome mmienu wɔ wɔn afie; Adoniram+ na na ɔda apaafoɔ no ano. 15 Solomon nyaa nnipa 70,000 a wɔsoasoa nneɛma, ne nnipa 80,000 a wɔpae aboɔ+ wɔ mmepɔ mu.+ 16 Afei nso, na Solomon wɔ akunini+ 3,300 a wɔdeda adwumayɛfoɔ no ano. 17 Ɔhene maa wɔpaee aboɔ akɛseɛ a ne boɔ yɛ den+ na wɔtwitwa+ de too fie no fapem.+ 18 Enti Solomon adansifoɔ ne Hiram adansifoɔ ne Gebalfoɔ+ paee aboɔ no, na wɔsiesiee nnua ne aboɔ a wɔde bɛsi fie no.