Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yosua 16:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Nanso wɔampamo Kaananfoɔ a na wɔwɔ Geser no,+ enti Kaananfoɔ kɔɔ so tenaa Efraimfoɔ mu de bɛsi nnɛ,+ na wɔde wɔn yɛɛ nkoadwuma.+

  • 1 Ahemfo 9:20-22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Nnipa a aka a wɔfiri Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ mu a wɔnyɛ Israelfoɔ no,+ 21 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfoɔ antumi ansɛe wɔn no, Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ nkoa de abɛsi nnɛ.+ 22 Israelfoɔ deɛ, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma no anyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafoɔ, n’asomfoɔ, ne mpanimfoɔ, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so.

  • 2 Berɛsosɛm 2:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Solomon yii mmarima 70,000 sɛ wɔnsoasoa nneɛma, mmarima 80,000 sɛ wɔmpae aboɔ wɔ mmepɔ mu,+ ne mmarima 3,600 sɛ wɔnhwɛ wɔn so.+

  • 2 Berɛsosɛm 2:17, 18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Ɛnna Solomon kan mmarima a wɔyɛ ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel asaase so nyinaa+ sɛdeɛ berɛ bi ne papa Dawid+ yɛeɛ no, na ɔnyaa 153,600. 18 Enti ɔyii wɔn mu 70,000 sɛ wɔnsoasoa nneɛma, ɔyii 80,000 sɛ wɔmpae aboɔ+ wɔ mmepɔ mu, na ɔyii 3,600 sɛ wɔnhwɛ nkurɔfoɔ no so mma wɔnyɛ adwuma.+

  • 2 Berɛsosɛm 8:7-9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Nnipa a aka a wɔfiri Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ mu a wɔnyɛ Israelfoɔ no,+ 8 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfoɔ ansɛe wɔn no,+ Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ saa de abɛsi nnɛ.+ 9 Israelfoɔ deɛ, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma no anyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafoɔ, ne mpanimfoɔ so akunini, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane