Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Ahoboa a wɔyɛeɛ ansa na wɔresi asɔrefie no (1-18)

2 Berɛsosɛm 2:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:11; 1Be 22:10
  • +1Ah 7:1

2 Berɛsosɛm 2:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 5:15
  • +1Ah 5:16; 9:22; 2Be 2:17, 18

2 Berɛsosɛm 2:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 5:1
  • +2Sa 5:11

2 Berɛsosɛm 2:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 30:7
  • +Ex 25:30
  • +Nu 28:4
  • +Nu 28:9
  • +Nu 28:11
  • +De 16:16

2 Berɛsosɛm 2:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:27; Yes 66:1; Aso 17:24

2 Berɛsosɛm 2:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 7:13, 14
  • +1Be 22:15

2 Berɛsosɛm 2:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 5:6, 8; 2Be 3:5
  • +1Ah 10:11
  • +1Ah 5:9
  • +1Ah 5:14

2 Berɛsosɛm 2:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.

  • *

    Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

  • *

    Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 5:11

2 Berɛsosɛm 2:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 5:7
  • +2Be 1:11, 12

2 Berɛsosɛm 2:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 7:13, 14; 2Be 4:11-16

2 Berɛsosɛm 2:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 3:14
  • +Ex 31:2-5

2 Berɛsosɛm 2:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 2:10

2 Berɛsosɛm 2:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “de atɛn nsuo ani.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 5:6, 8
  • +Yos 19:46, 48; Esr 3:7
  • +1Ah 5:9

2 Berɛsosɛm 2:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 8:7, 8
  • +1Be 22:2

2 Berɛsosɛm 2:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 5:17, 18; 1Be 22:15
  • +1Ah 5:15, 16

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 2:1De 12:11; 1Be 22:10
2 Be. 2:11Ah 7:1
2 Be. 2:21Ah 5:15
2 Be. 2:21Ah 5:16; 9:22; 2Be 2:17, 18
2 Be. 2:31Ah 5:1
2 Be. 2:32Sa 5:11
2 Be. 2:4Ex 30:7
2 Be. 2:4Ex 25:30
2 Be. 2:4Nu 28:4
2 Be. 2:4Nu 28:9
2 Be. 2:4Nu 28:11
2 Be. 2:4De 16:16
2 Be. 2:61Ah 8:27; Yes 66:1; Aso 17:24
2 Be. 2:71Ah 7:13, 14
2 Be. 2:71Be 22:15
2 Be. 2:81Ah 5:6, 8; 2Be 3:5
2 Be. 2:81Ah 10:11
2 Be. 2:81Ah 5:9
2 Be. 2:81Ah 5:14
2 Be. 2:101Ah 5:11
2 Be. 2:121Ah 5:7
2 Be. 2:122Be 1:11, 12
2 Be. 2:131Ah 7:13, 14; 2Be 4:11-16
2 Be. 2:142Be 3:14
2 Be. 2:14Ex 31:2-5
2 Be. 2:152Be 2:10
2 Be. 2:161Ah 5:6, 8
2 Be. 2:16Yos 19:46, 48; Esr 3:7
2 Be. 2:161Ah 5:9
2 Be. 2:172Be 8:7, 8
2 Be. 2:171Be 22:2
2 Be. 2:181Ah 5:17, 18; 1Be 22:15
2 Be. 2:181Ah 5:15, 16
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 2:1-18

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

2 Solomon kaa sɛ wɔnsi fie mma Yehowa din+ na wɔnsi fie* mma n’ahennie no.+ 2 Solomon yii mmarima 70,000 sɛ wɔnsoasoa nneɛma, mmarima 80,000 sɛ wɔmpae aboɔ wɔ mmepɔ mu,+ ne mmarima 3,600 sɛ wɔnhwɛ wɔn so.+ 3 Bio nso, Solomon soma kɔɔ Tiro hene Hiram+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛdeɛ wode sida nnua brɛɛ me papa Dawid maa no de sii fie* tenaa mu no,+ me nso yɛ me saa ara. 4 Merebɛsi fie ama Yehowa me Nyankopɔn din na mate ho ahye aduhwam+ wɔ n’anim. Mede paanoo a wɔde taataa so* a wɔde si hɔ daa,+ ne anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔreɛ+ nso bɛma no Homeda+ biara. Bosome foforɔ+ ne yɛn Nyankopɔn Yehowa afahyɛ berɛ+ nso, saa ara na mɛyɛ. Wei ne ahyɛdeɛ a ɛda hɔ ma Israel daa. 5 Efie a merebɛsi no so, ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa. 6 Hwan na ɔbɛtumi asi fie ama no? Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo sua ma no,+ na me ne hwan a mɛsi fie ama no atena mu? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi fie na wɔahye afɔrebɔdeɛ wom n’anim. 7 Enti ma me ɔbarima a ne ho akokwa a ɔbɛtumi ayɛ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,+ dadeɛ, ntoma kɔkɔɔ ne ntoma a ɛbere dum ne ahoma bruu ho adwuma na ɔnim adwini die. Ɔne me mmarima a wɔn ho akokwa a me papa Dawid yii+ wɔn no bɛyɛ adwuma wɔ Yuda ne Yerusalem. 8 Brɛ me sida nnua, papao nnua,+ ne algum nnua+ a ɛfiri Lebanon, na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua+ twa yie. Me nkoa ne wo nkoa bɛbom ayɛ adwuma,+ 9 na wɔbɛsiesie nnua pii ama me, ɛfiri sɛ efie a merebɛsi no so yie. 10 Hwɛ! Wo nkoa a wɔboaboa nnua ano ne wɔn a wɔtwa nnua no, nnuane a mede bɛma wɔn nie:+ hwiit kor* 20,000, baali* kor 20,000, bobesa bat susuhina* 20,000, ne ngo bat susuhina 20,000.”

11 Ɛnna Tiro hene Hiram twerɛɛ krataa kɔmaa Solomon sɛ: “Yehowa dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.” 12 Hiram toaa so sɛ: “Ayeyie nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase, ɛfiri sɛ wama Ɔhene Dawid ɔba nyansafoɔ+ a ɔwɔ nhunumu ne nteaseɛ+ a ɔbɛsi fie ama Yehowa na wasi ahemfie ama n’ahennie. 13 Afei meresoma Hiram-Abi,+ odwumfoɔ a ne ho akokwa na ɔwɔ nimdeɛ pii; 14 ne maame firi Danfoɔ mu na ne papa deɛ, ɔfiri Tiro. Ɔyɛ odwumfoɔ a ɔnim sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, aboɔ, nnua, ntoma kɔkɔɔ, ahoma bruu, nwera pa, ne ntoma a ɛbere dum+ ho adwuma. Ɔnim adwini di, na ɔbɛtumi ayɛ adwini biara a wɔde bɛhyɛ ne nsa.+ Ɔne wo mmarima a wɔnim adwuma ne me wura, wo papa Dawid, mmarima a wɔn ho akokwa na ɛbɛyɛ adwuma. 15 Afei hwiit, baali, ngo, ne bobesa a me wura kaa sɛ ɔde bɛba no, ma no mfa mmrɛ ne nkoa.+ 16 Yɛn nso yɛbɛtwa nnua dodoɔ biara a wohia afiri Lebanon+ de agu po so* aba Yopa,+ na wode akɔ Yerusalem.”+

17 Ɛnna Solomon kan mmarima a wɔyɛ ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel asaase so nyinaa+ sɛdeɛ berɛ bi ne papa Dawid+ yɛeɛ no, na ɔnyaa 153,600. 18 Enti ɔyii wɔn mu 70,000 sɛ wɔnsoasoa nneɛma, ɔyii 80,000 sɛ wɔmpae aboɔ+ wɔ mmepɔ mu, na ɔyii 3,600 sɛ wɔnhwɛ nkurɔfoɔ no so mma wɔnyɛ adwuma.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane