Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Solomon srɛɛ nyansa (1-12)

      • Solomon ahonyadeɛ (13-17)

2 Berɛsosɛm 1:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:25; Ɔsɛ 2:9; Mt 6:28, 29; 12:42

2 Berɛsosɛm 1:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4; 1Be 21:29

2 Berɛsosɛm 1:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 13:5
  • +1Be 16:1

2 Berɛsosɛm 1:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “hwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 38:1, 2
  • +Ex 31:2-5

2 Berɛsosɛm 1:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4

2 Berɛsosɛm 1:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:5-9

2 Berɛsosɛm 1:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:8
  • +1Be 28:5; Dw 89:28, 29

2 Berɛsosɛm 1:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:12; 1Be 28:6; Dw 132:11
  • +Ge 13:14, 16

2 Berɛsosɛm 1:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “bɛdi ɔman yi anim de wɔn akɔ de wɔn aba.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 2:6; Yak 1:5
  • +Dw 72:1, 2

2 Berɛsosɛm 1:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “w’atamfo kra.”

  • *

    Nt., “nna dodoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:10-13, 28

2 Berɛsosɛm 1:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:25; 2Be 9:22; Ɔsɛ 2:9

2 Berɛsosɛm 1:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4

2 Berɛsosɛm 1:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”

  • *

    Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 17:16; 1Ah 4:26
  • +2Be 8:5, 6
  • +2Be 9:25

2 Berɛsosɛm 1:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 10:21
  • +1Ah 10:27; 2Be 9:27

2 Berɛsosɛm 1:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔkra firii Egypt ne Kue; ná ɔhene aguadifoɔ no tɔ firi Kue,” na ɛbɛtumi aba sɛ Kue no ara ne Kilikia.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 9:28
  • +1Ah 10:28, 29

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 1:11Be 29:25; Ɔsɛ 2:9; Mt 6:28, 29; 12:42
2 Be. 1:31Ah 3:4; 1Be 21:29
2 Be. 1:41Be 13:5
2 Be. 1:41Be 16:1
2 Be. 1:5Ex 38:1, 2
2 Be. 1:5Ex 31:2-5
2 Be. 1:61Ah 3:4
2 Be. 1:71Ah 3:5-9
2 Be. 1:82Sa 7:8
2 Be. 1:81Be 28:5; Dw 89:28, 29
2 Be. 1:92Sa 7:12; 1Be 28:6; Dw 132:11
2 Be. 1:9Ge 13:14, 16
2 Be. 1:10Mme 2:6; Yak 1:5
2 Be. 1:10Dw 72:1, 2
2 Be. 1:111Ah 3:10-13, 28
2 Be. 1:121Be 29:25; 2Be 9:22; Ɔsɛ 2:9
2 Be. 1:131Ah 3:4
2 Be. 1:14De 17:16; 1Ah 4:26
2 Be. 1:142Be 8:5, 6
2 Be. 1:142Be 9:25
2 Be. 1:151Ah 10:21
2 Be. 1:151Ah 10:27; 2Be 9:27
2 Be. 1:162Be 9:28
2 Be. 1:161Ah 10:28, 29
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 1:1-17

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

1 Dawid ba Solomon yɛɛ den n’ahennie mu, na Yehowa, ne Nyankopɔn dii n’akyi, na ɔmaa no yɛɛ kɛseɛ paa.+

2 Solomon soma maa wɔkɔfrɛɛ Israel nyinaa bae; apem apem ne ɔhaha so mpanimfoɔ, atemmufoɔ, ne Israel mpanimfoɔ a wɔyɛ agyanom abusuafie mpanimfoɔ nyinaa. 3 Ɛnna Solomon ne asafo a wɔka ne ho nyinaa kɔɔ sorɔnsorɔmmea* a ɛwɔ Gibeon+ no; ɛhɔ na na nokorɛ Nyankopɔn no ahyiaeɛ ntomadan a Yehowa akoa Mose yɛɛ wɔ serɛ so no wɔ. 4 Nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no deɛ, na Dawid akɔfa afiri Kiriat-Yearim+ aba faako a Dawid siesie maa no no; ná wasi ntomadan ama no wɔ Yerusalem.+ 5 Kɔbere afɔrebukyia+ a Hur ba Uri ba Besalel+ yɛeɛ no, na ɛsi Yehowa ntomadan no anim; ɛhɔ na na Solomon ne asafo no bɔ mpaeɛ.* 6 Ɛnna Solomon bɔɔ afɔreɛ wɔ hɔ maa Yehowa; ɔde mmoa 1,000 bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ kɔbere afɔrebukyia+ a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu so.

7 Saa anadwo no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me deɛ menyɛ mma wo.”+ 8 Ɛnna Solomon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Woada ɔdɔ kɛseɛ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me papa Dawid,+ na woama masi n’ananmu adi hene.+ 9 O Yehowa Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ me papa Dawid no, ma no mmra mu;+ wo na woasi me hene wɔ nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ asaase so anwea yi so.+ 10 Ma me nyansa ne nimdeɛ+ a mede bɛdi ɔman yi anim,* ɛfiri sɛ wo man kɛseɛ yi deɛ, hwan na ɔbɛtumi abu wɔn atɛn?”+

11 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Ɛsiane sɛ wei na ɛwɔ w’akomam, na woammisa ahonyadeɛ, sika, animuonyam, anaa w’atamfo nkwa* anaasɛ nkwa tenten,* na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛbu me man a mede wo asi wɔn so hene no atɛn nti,+ 12 nyansa ne nimdeɛ no, mede bɛma wo, na ahonyadeɛ ne sika ne animuonyam nso, mɛma wo deɛ ahemfo a wɔdii w’anim no biara annya bi da, na obiara a ɔbɛdi w’akyi aba nso rennya bi.”+

13 Ɛnna Solomon firii sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no,+ ahyiaeɛ ntomadan no anim, baa Yerusalem, na ɔdii Israel so. 14 Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ* ano, na ɔnyaa nteaseɛnam 1,400 ne apɔnkɔ* 12,000,+ na ɔde kɔɔ nteaseɛnam nkuro mu,+ na na ɛhɔ bɛn ɔhene wɔ Yerusalem.+ 15 Ɔhene maa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ dɔɔso wɔ Yerusalem sɛ aboɔ,+ na ɔmaa sida nnua dɔɔso sɛ sikamɔɔ nnua a ɛwɔ Sefela.+ 16 Solomon apɔnkɔ no, wɔkra firii Egypt;+ ná ɔhene adwadifoɔ no kɔtɔ apɔnkɔ* no akuakuo tua boɔ a wɔatwa ato so.+ 17 Nteaseɛnam a wɔkra firii Egypt no, na ebiara boɔ yɛ nnwetɛbena 600, na pɔnkɔ nso boɔ yɛ nnwetɛbena 150. Ná wɔn nso kɔtɔn ma Hitifoɔ ahemfo ne Siria ahemfo.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane