2 Berɛsosɛm
1 Dawid ba Solomon yɛɛ den n’ahennie mu,+ na Yehowa, ne Nyankopɔn dii n’akyi+ na ɔmaa no yɛɛ kɛseɛ paa.+
2 Na Solomon kasa kyerɛɛ Israel nyinaa, apem apem+ ne ɔha ha+ so mpanimfoɔ, ne atemmufoɔ+ ne Israel mpanimfoɔ+ a wɔyɛ agyanom abusuafie mpanimfoɔ+ nyinaa. 3 Ɛnna Solomon ne asafo a wɔka ne ho nyinaa kɔɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon+ no; ɛhɔ na na nokorɛ Nyankopɔn ahyiaeɛ ntomadan+ a Yehowa akoa Mose+ yɛɛ no serɛ soɔ no wɔ. 4 Nokorɛ Nyankopɔn adaka+ no deɛ, na Dawid akɔfa afiri Kiriat-Yearim+ aba baabi a Dawid siesie maa no no,+ ɛfiri sɛ na wasi ntomadan ama no Yerusalem.+ 5 Ná kɔbere afɔrebukyia+ a Hur+ ba Uri ba Besalel+ yɛeɛ no si Yehowa ntomadan no anim, na ɛhɔ na Solomon ne asafo no hwehwɛɛ Onyankopɔn akyiri kwan daa. 6 Ɛnna Solomon bɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ maa Yehowa, kɔbere afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no anim no soɔ, na ɔde mmoa apem bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so.+
7 Saa anadwo no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me deɛ wopɛ! Ɛdeɛn na menyɛ mma woɔ?”+ 8 Ɛnna Solomon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wo na woyɛɛ me papa Dawid+ adɔeɛ kɛseɛ na woayɛ me ɔhene asi n’ananmu.+ 9 O Yehowa Nyankopɔn, ma bɔ a wohyɛɛ me papa Dawid no mmra mu;+ wo na woasi me hene+ nnipa dodoɔ yi soɔ, nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ asase so anwea yi.+ 10 Ma me nyansa ne nimdeɛ+ a mede bɛdi ɔman yi anim de wɔn akɔ de wɔn aba,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo a, anka hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?”+
11 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Ɛsiane sɛ yei na ɛwɔ w’akoma+ mu na woammisa ahonyadeɛ anaa sika ne animuonyam anaa w’atamfo kra anaa nna dodoɔ,+ na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ sɛ wode bɛbu me man a mede wo asi wɔn so hene no atɛn nti,+ 12 nyansa ne nimdeɛ no, mede rema wo,+ na ahonyadeɛ ne sika ne animuonyam nso, mɛma wo deɛ ahemfo a wɔdii w’anim no biara annya bi da,+ na obiara a ɔbɛdi w’akyi aba nso rennya bi.”+
13 Ɛnna Solomon firii sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon+ no, ahyiaeɛ ntomadan+ no anim, baa Yerusalem, na ɔkɔɔ so dii Israel so.+ 14 Na Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔ mpem dumienu,+ na ɔde ne nyinaa kɔɔ nteaseɛnam nkuro+ mu ne ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem. 15 Na ɔhene maa dwetɛ ne sika dɔɔso pii wɔ Yerusalem sɛ aboɔ,+ na ɔmaa ntweneduro dɔɔso pii sɛ sikamɔɔ nnua+ a ɛwɔ Sefela.+ 16 Apɔnkɔ a Solomon kra firii Egypt+ baeɛ no nso, ɔhene adwadifoɔ no kɔtɔɔ apɔnkɔkuo biara sɛdeɛ wɔn boɔ teɛ.+ 17 Ná wɔtɔ nteaseɛnam a wɔde firi Egypt baeɛ no biara nnwetɛbena ahansia, na wɔtɔ pɔnkɔ biara nso nnwetɛbena ɔha aduonum. Saa na Hitifoɔ ahemfo ne Siria ahemfo yɛeɛ.+ Wɔnam adwadifoɔ no so na ɛkraeɛ.