2 Berɛsosɛm
2 Ɛnna Solomon hyɛɛ sɛ wɔnsi fie+ mma Yehowa din+ na wɔnsi ahemfie mma no.+ 2 Enti Solomon kan mmarima mpem aduɔson sɛ wɔnsoasoa nneɛma, ne mmarima mpem aduɔwɔtwe sɛ wɔmpae aboɔ wɔ mmepɔ so,+ na ɔyii mmarima mpem mmiɛnsa ahansia sɛ wɔnhwɛ wɔn so.+ 3 Bio nso Solomon soma kɔɔ Tiro hene Hiram+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛdeɛ wo ne me papa Dawid+ diiɛ, na wode ntweneduro brɛɛ no maa no de sii fie tenaa mu no,— 4 me nso merebɛsi+ fie ama Yehowa me Nyankopɔn din+ na mate ho+ ahye aduhwam+ n’anim, na mede paanoo a wɔde kyerɛ daa,+ ne anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ama no homeda homeda,+ ne bosome foforɔ,+ ne Yehowa yɛn Nyankopɔn afahyɛ berɛ+ mu. Yei na Israel bɛyɛ daa.+ 5 Na efie a merebɛsie no sõ,+ ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ kɛse sene anyame nyinaa.+ 6 Hwan na ɔwɔ ahoɔden a ɔbɛtumi asi fie ama no?+ Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo ntumi nkora no,+ na me ne hwan+ a mɛsi fie ama no? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi na wɔahye afɔrebɔdeɛ n’anim.+ 7 Enti ma me ɔbarima a ne ho akokwa a ɔbɛtumi ayɛ sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dadeɛ ne tankɔkɔɔ ne deɛ ɛbere dum ne ahoma bruu, ho adwuma+ na ɔnim nsamaa yiyie, ma no mmɛka mmarima a wɔn ho akokwa a wɔwɔ me nkyɛn wɔ Yuda ne Yerusalem a me papa Dawid yiyii wɔn sii hɔ no ho.+ 8 Brɛ me Lebanon+ ntweneduro,+ popaw+ nnua, ne algum nnua,+ na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa yie,+ (me nkoa ne wo nkoa bɛbom ayɛ adwuma no). 9 Ma wɔnsiesie nnua pii mma me, na efie a merebɛsie no sõ yie. 10 Hwɛ! Wo nkoa a wɔboaboa nnua ano ne wɔn a wɔtwa nnua no, nnuane a mede bɛma wɔn nie: Ayuo, kor+ mpem aduonu; atokoɔ, kor mpem aduonu; bobesa,+ nhina mpem aduonu; ne ngo, nhina mpem aduonu.”
11 Ɛnna Tiro+ hene Hiram twerɛɛ krataa brɛɛ Solomon sɛ: “Yehowa dɔ+ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.”+ 12 Hiram toaa so sɛ: “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no,+ ɛfiri sɛ wama Ɔhene Dawid ɔba nyansafoɔ, ɔba a ɔwɔ nhunumu ne nteaseɛ+ a ɔbɛsi fie ama Yehowa na wasi n’ahemfie+ nso. 13 Na afei meresoma ɔbarima a ne ho akokwa na ɔwɔ nimdeɛ pii, Hiram-Abi;+ 14 ɔbaa bi a ɔfiri Danfoɔ mu a ne papa firi Tiro ba ne no; ne ho akokwa. Ɔno na ɔbɛba abɛyɛ sika ne dwetɛ ne kɔbere,+ dadeɛ ne aboɔ+ ne nnua, tankɔkɔɔ,+ ahoma bruu+ ne nwera pa+ ne ntoma a ɛbere dum+ ho adwuma; ɔnim nsamaa+ ahodoɔ nyinaa yiyi, na ɔbɛtumi adi adwini+ biara a wɔde bɛhyɛ ne nsa; ɔne wo mmarima a wɔn ho akokwa ne me wura, wo papa Dawid mmarima a wɔn ho akokwa na ɛbɛyɛ adwuma. 15 Afei ayuo ne atokoɔ ne ngo ne bobesa a me wura hyɛɛ ho bɔ no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa.+ 16 Yɛn deɛ, yɛbɛtwa nnua+ dodoɔ biara a wohia+ afiri Lebanon de agu po+ so aba Yopa,+ na wode akɔ Yerusalem.”
17 Ɛnna Solomon kan mmarima a wɔyɛ ahɔhoɔ wɔ Israel asase soɔ nyinaa,+ deɛ ne papa Dawid kan wɔn no akyi,+ na ɔnyaa mpem ɔha aduonum mmiɛnsa ne ahansia. 18 Enti ɔyii wɔn mu mpem aduɔson sɛ wɔnsoasoa nneɛma,+ ne mpem aduɔwɔtwe sɛ wɔmpae aboɔ+ wɔ mmepɔ so, na ɔyii mpem mmiɛnsa ahansia sɛ wɔnhwɛ nkurɔfoɔ no so mma wɔnyɛ adwuma.+