-
Exodus 38:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
38 Ɔde ɔkanto dua yɛɛ afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so. N’afã nnan nyinaa ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ; ne tenten yɛ basafa* nnum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum. Ɛfiri soro bɛsi fam nso, ɔyɛɛ no basafa mmiɛnsa.+ 2 Afei ɔyɛɛ mmɛn wɔ ntwea nnan no so. Ɔyɛɛ afɔrebukyia ne mmɛn no nyinaa boom. Ɔwieeɛ no, ɔde kɔbere faa afɔrebukyia no ho.+
-