Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 27:1-8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔrebukyia no;+ ma ne tenten nyɛ basafa* nnum, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa nnum. Ma n’afã nnan nyinaa nyɛ pɛ, na ɛfiri soro bɛsi fam nyɛ basafa mmiɛnsa.+ 2 Yɛ mmɛn+ wɔ ntwea nnan no so. Yɛ afɔrebukyia ne mmɛn no nyinaa bom. Fa kɔbere fa afɔrebukyia no ho.+ 3 Yɛ adeɛ a wɔde nsõ* bɛgu mu akɔto agu, na yɛ sofi, nkyɛnsee, adinam, ne nkyɛnsee a wɔde egya gu mu. Nneɛma a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ ho nyinaa, fa kɔbere yɛ.+ 4 Afei fa kɔbere yɛ nkantankantan, na fa bi yɛ nkawa nnan wɔ nkantankantan no ntwea nnan no so. 5 Fa nkantankantan no hyɛ afɔrebukyia no mu ma ɛnkɔduru mfimfini. 6 Fa ɔkanto sene nnua nteaanteaa ma afɔrebukyia no, na fa kɔbere fa ho. 7 Wode nnua no bɛhyehyɛ nkawa a ɛwɔ n’afãnu no mu, na ɛno na wɔde bɛsoa.+ 8 Fa nnua yɛ no sɛ adaka a ɛnni mmuasoɔ. Yɛ no sɛdeɛ ɔkyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so no.+

  • Exodus 40:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Sra afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ne ɛho nneɛma nyinaa, na dwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a afɔrebukyia no bɛyɛ kronkron paa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane