Exodus
40 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, si ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no.+ 3 Fa Adanseɛ Adaka no+ si mu na fa ntwamutam no sɛn hɔ na obi anhu Adaka no.+ 4 Afei fa ɛpono no+ si mu na fa ɛso nneɛma no sisi so pɛpɛɛpɛ. Fa kaneadua no+ bra mu na sosɔ ɛso nkanea no.+ 5 Afei fa sika kɔkɔɔ aduhwam afɔrebukyia+ no si ɔsom ntomadan no mu na ɛmmɛn baabi a Adanseɛ Adaka no wɔ no, na fa ntoma* sɛn ɔsom ntomadan no kwan ano.+
6 “Fa afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so+ no si ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no abɔnten. 7 Fa ɛsɛn no si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na fa nsuo gu mu.+ 8 Afei yɛ adihɔ+ wɔ ntomadan no ho hyia, na fa ntoma*+ sɛn adihɔ no kwan ano. 9 Wowie a, fa ɔsrango+ no, na sra ɔsom ntomadan no ne deɛ ɛwom nyinaa,+ na dwira ɔsom ntomadan no ne ɛho nneɛma nyinaa ho ma ɛnyɛ kronkron. 10 Sra afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no ne ɛho nneɛma nyinaa, na dwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a afɔrebukyia no bɛyɛ kronkron paa.+ 11 Sra ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ no nso na dwira ho.
12 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano na fa nsuo dware wɔn.+ 13 Fa ntaade kronkron no hyɛ Aaron,+ na sra no+ na dwira ne ho ma no nsom wɔ m’anim sɛ ɔsɔfoɔ. 14 Ɛno akyi no, ma ne mma no nso mmra, na fa ntaade tenten no hyɛ wɔn.+ 15 Sra wɔn sɛdeɛ wosraa wɔn papa no+ ma wɔnsom wɔ m’anim sɛ asɔfoɔ. Sɛ wosra wɔn a, ɛbɛma wɔabɛyɛ asɔfoɔ daa wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu.”+
16 Mose yɛɛ deɛ Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ no nyinaa.+ Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
17 Da a ɛdi kan wɔ afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan mu no, wɔsii ɔsom ntomadan no.+ 18 Berɛ a Mose resi ɔsom ntomadan no, ɔde nnyinasoɔ+ no totoo fam na ɔde ntomadan nnua no+ hyehyɛɛ mu. Afei ɔde mmeamu+ beabeaa nnua no mu, na ɔsisii adum no. 19 Ɔde ntoma kataa ɔsom ntomadan no so,+ na ɔde nkatasoɔ+ foforɔ guu so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
20 Ɛno akyi no, ɔde Adanseɛ Abopono no+ guu Adaka no+ mu, na ɔde nnua nteaanteaa no+ hyehyɛɛ Adaka no ho de mmuasoɔ no+ kataa Adaka no+ so. 21 Afei ɔde Adanseɛ Adaka no baa ɔsom ntomadan no mu, na ɔde ntwamutam no+ sɛn hɔ na obi anhu Adaka no,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
22 Afei ɔde ɛpono no+ sii ntwamutam no akyi wɔ ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no atifi fam, 23 na ɔhyehyɛɛ paanoo no wɔ so+ wɔ Yehowa anim, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
24 Afei ɔde kaneadua no+ sii ahyiaeɛ ntomadan no, kyerɛ sɛ, ɔsom ntomadan no anaafoɔ fam maa ɛne ɛpono no dii nhwɛanimu. 25 Ɔsosɔɔ nkanea no+ wɔ Yehowa anim, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
26 Afei ɔde sika kɔkɔɔ afɔrebukyia no+ sii ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ ntwamutam no akyi; 27 ɛso na na wɔbɛhye aduhwam,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
28 Afei ɔde ntoma* no+ sɛn ɔsom ntomadan no kwan ano.
29 Ɔde afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so+ no sii ɔsom ntomadan no, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne aduane afɔreɛ wɔ so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
30 Afei ɔde ɛsɛn no sii ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam de nsuo a wɔde bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho guu mu.+ 31 Ɛhɔ na na Mose ne Aaron ne ne mma hohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. 32 Berɛ biara a wɔbɛkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaa wɔbɛkɔ afɔrebukyia no ho no, wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
33 Afei ɔyɛɛ adihɔ+ wɔ ɔsom ntomadan no ne afɔrebukyia no ho hyiaeɛ, na ɔde ntoma* sɛn adihɔ no kwan ano.+
Enti Mose wiee adwuma no. 34 Ɛnna mununkum bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no so, na Yehowa animuonyam bɛhyɛɛ ɔsom ntomadan no mu ma.+ 35 Mununkum a ɛkataa ɔsom ntomadan no so ne Yehowa animuonyam a na ahyɛ mu ma nti, Mose antumi ankɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu.+
36 Israelfoɔ akwantuo nyinaa mu no, sɛ mununkum no firi ɔsom ntomadan no so a, na wɔatoa wɔn akwantuo no so.+ 37 Nanso sɛ mununkum no wɔ so a, wɔtwɛn kɔsi da a ɛbɛfiri so ansa na wɔatoa wɔn akwantuo so.+ 38 Israelfoɔ akwantuo nyinaa mu no, na Yehowa mununkum wɔ ɔsom ntomadan no so anɔpa, na ɛduru anadwo nso a, na adane egya.+ Ná Israelfoɔ nyinaa hu wɔ wɔn afie.