Exodus
40 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Bosome a ɛdi kan+ no da a ɛdi kan no, hyehyɛ ahyiaeɛ ntomadan kronkron no.+ 3 Fa adanseɛ adaka+ no si mu na fa ntwamutam no sɛn hɔ ma no nkata Adaka no anim.+ 4 Afei fa pono+ no si mu na hyehyɛ no fɛfɛɛfɛ. Fa kaneadua+ no bra mu na sosɔ nkanea+ no. 5 Fa sika aduhwam bukyia+ no si adanseɛ adaka no anim na fa ntoma sɛn ntomadan no ano.+
6 “Fa afɔrebukyia+ a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no si ahyiaeɛ ntomadan kronkron no ano. 7 Fa ɛsɛn no si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na fa nsuo gu mu.+ 8 Afei yɛ adihɔ+ wɔ ho nyinaa na fa ntoma sɛn adihɔ no kwan ano.+ 9 Fa ɔsra ngo+ no na sra ntomadan no ne deɛ ɛwom+ nyinaa na te ntomadan no ne ɛho nneɛma nyinaa ho ma no nyɛ kronkron. 10 Sra afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no ne ɛho nneɛma nyinaa, na te afɔrebukyia no ho+ ma no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.+ 11 Sra ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ no nso, na te ho.
12 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano na fa nsuo dware wɔn.+ 13 Fa ntade kronkron no hyɛ Aaron+ na sra no+ te ne ho na ama no atumi asom m’anim sɛ ɔsɔfoɔ. 14 Ɛno akyi no, fa ne mma no nso bra, na fa ntade tenten no hyɛ wɔn.+ 15 Na sra wɔn sɛdeɛ wosraa wɔn papa no+ ma wɔnsom m’anim sɛ asɔfoɔ. Sra a wobɛsra wɔn no bɛma wɔabɛyɛ asɔfoɔ daa, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+
16 Na Mose yɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ no no nyinaa.+ Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
17 Enti afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, wɔhyehyɛɛ ntomadan no.+ 18 Berɛ a Mose rehyehyɛ ntomadan no, ɔde nnyinasoɔ+ no totoo fam na ɔde nnua+ no hyehyɛɛ mu. Afei ɔde nnua beabeaa mu+ na ɔsisii adum+ no. 19 Na ɔde ntoma kataa+ dan no so na ɔde nkatasoɔ+ foforɔ guu so, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
20 Ɛno akyi no, ɔde Adanseɛ+ no too Adaka+ no mu, na ɔde nnua nteaanteaa+ no hyehyɛɛ Adaka no ho de mmuasoɔ+ no kataa Adaka no so.+ 21 Na ɔde Adaka no baa ntomadan no mu, na ɔde ntwamutam+ no sɛn hɔ maa no kataa adanseɛ adaka no anim,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
22 Afei ɔde pono+ no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ dan no nkyɛnmu a ɛhwɛ atifi fam wɔ ntwamutam no akyi, 23 na ɔhyehyɛɛ paanoo+ no wɔ so de sii Yehowa anim, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
24 Afei ɔde kaneadua+ no sii pono no anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ dan no nkyɛnmu a ɛhwɛ anafoɔ fam no. 25 Na ɔsosɔɔ nkanea+ no wɔ Yehowa anim, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
26 Na ɔde sika afɔrebukyia+ no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ ntwamutam a ɛsɛn hɔ no anim 27 na wahye aduhwam wɔ so,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
28 Afei ɔde ntoma sɛn ntomadan no ano.+
29 Ɔde afɔrebukyia+ a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ no sii ahyiaeɛ ntomadan kronkron no mu na wabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne aduane afɔdeɛ wɔ so, sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
30 Ɔde ɛsɛn no sii ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam de nsuo a wɔde bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho guu mu.+ 31 Na Mose ne Aaron ne ne mma no de hohoroo wɔn nsa ne wɔn nan ho. 32 Berɛ biara a wɔbɛhyɛn ahyiaeɛ ntomadan no mu anaa wɔbɛkɔ afɔrebukyia no ho no, wɔhohoro wɔn ho,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.
33 Afei ɔyɛɛ adihɔ+ wɔ ntomadan no ne afɔrebukyia no ho nyinaa, na ɔde ntoma sɛn adihɔ no kwan ano.+
Enti Mose wiee adwuma no nyinaa. 34 Na mununkum+ bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no so, na Yehowa animuonyam bɛhyɛɛ ntomadan no mu mã. 35 Na Mose antumi ankɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, mununkum+ a na abɛbua soɔ ne Yehowa animuonyam a na ahyɛ ntomadan no mã nti.+
36 Israelfoɔ nanteɛ nyinaa mu no, sɛ mununkum no firi ntomadan no so a, na wɔatoa wɔn akwantuo no so.+ 37 Na sɛ mununkum no wɔ so a, wɔtwɛn kɔsi da a ɛbɛfiri soɔ.+ 38 Israelfoɔ akwantuo nyinaa mu no, na Yehowa mununkum wɔ ntomadan no so anɔpa, na ɛduru anadwo nso a, ɛyɛ egya, na Israelfoɔ nyinaa hunu no wɔn afie.+